Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔbarima a ofi abusuakuw biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɛsɛ sɛ ɔboa mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔbarima a ɔfiri abusuakuo biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɔbɛboa mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na abusuakuw biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanyimfi mu otitiriw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 1:4
19 Iomraidhean Croise  

Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba.


Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.


Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔfata, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitire, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so, ne du du so mpanin.


Yeinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn nananom mmusuakuo mu mmapɔmma ne Israel mpem mpem so atitire nie.


Yeinom ne wɔn a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kaneeɛ no, mmarima dummienu a wɔtuatua wɔn mpanimfie ano mmaako mmaako no.


Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri sɛ poma biara yɛ mpanimfie biara mu otitire no deɛ.


Na Israelni a wɔkum no ne Midianni baa no din ne Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfoɔ mpanimfie mu bapɔmma.


na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitire no nyinaa, na sensɛne wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyeɛ no nsane mfiri Israel so.


Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no so atitire sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ:


Na Mose ne Aaron ne asafo no mu mmapɔmma no kɔkan Kohatfoɔ mma no sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,


Israel mmapɔmma, wɔn mpanimfie so atitire a wɔyɛ mmusuakuo no asafohempanin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan wɔn no soɔ no de ayɛyɛdeɛ bae.


Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ.


na wɔde mmapɔmma du kaa ne ho, Israel mmusuakuo no mu biara mu bapɔmma baako; na wɔn mu biara yɛ ne mpanimfie ti, Israel mpempem no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan