Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 1:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Yeinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn nananom mmusuakuo mu mmapɔmma ne Israel mpem mpem so atitire nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Yeinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn nananom mmusuakuo mu mmapɔmma ne Israel mpem mpem so atitire nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Eyinom ne mmarima a woyii wɔn fii nnipa no mu, a wɔyɛ wɔn agyanom mmusua no ntuanofo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yeinom ne mmarima a wɔyii wɔn firii nnipa no mu, a wɔyɛ ntuanofoɔ ma wɔn agyanom mmusua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Eyinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn agyanom mmusuakuw mu mmapɔmma ne Israel mpem so atitiriw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 1:16
20 Iomraidhean Croise  

Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.


Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔfata, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitire, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so, ne du du so mpanin.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Naftali deɛ: Enan ba Ahira.


Na Mose ne Aaron faa mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi,


na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire.


Na sɛ wɔhyɛne baako a, mmapɔmma a wɔdi Israel apem apem so atitire no mmɛhyia wo nkyɛn.


Na mɛsiane na me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo soɔ no bi magu wɔn so na wɔne wo asɔ ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.


na wɔne Israelfoɔ mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ abadwafoɔ, nnipa a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose;


Na Eliab ba: Nemuel ne Datan ne Abiram. Yeinom ne Datan ne Abiram a wɔfrɛɛ wɔn firii asafo no mu no a wɔne Mose ne Aaron hameeɛ, Kora asafo no mu, wɔn ham a wɔne AWURADE hameeɛ no mu;


Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no so atitire sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ:


Israel mmapɔmma, wɔn mpanimfie so atitire a wɔyɛ mmusuakuo no asafohempanin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan wɔn no soɔ no de ayɛyɛdeɛ bae.


Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, AWURADE, ɛdeɛn na mede bɛgye Israel? Hwɛ, m’asafo ahodwo Manase mu, na me nso, mene akumaa wɔ m’agya fie.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?


Na monhwɛ nhu no, faako a ɔhuntahunta no nyinaa, na sɛ ɛyɛ ampa a, monsane mmra me nkyɛn, na me ne mo nkɔ. Na sɛ ɔwɔ asase no so a, mɛtwee mapɛ no Yuda mpempem nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan