Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Yohane 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Menni anigyeɛ a ɛsene yei, sɛ mete sɛ me mma nam nokorɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Menni anigyeɛ a ɛsene yei, sɛ mete sɛ me mma nam nokorɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokware mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokorɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Yohane 1:4
18 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaa no me ho no atim, sɛ ɔse: Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan so yie sɛ wɔbɛnante m’anim nokorɛ mu, wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnneɛ Israel adwa so barima remmɔ wo.


Na Salomo se: Wo na woyɛɛ w’akoa m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔnantee w’anim nokorɛ ne tenenee mu, ne wo ho akoma mu teeyɛ mu, na wode adɔeɛ kɛseɛ yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’adwa soɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Ahurisie na ɔteneneeni agya bɛdie, na deɛ ɔwoo onyansafoɔ no ani gye ne ho.


Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ mu, ne akoma a ɛdi mu mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.


Na mo nso — meka yei kyerɛ mo sɛ mma — montrɛ mo mu saa ara mfa ntua ka.


Na mehunuu sɛ, wɔnnante tee sɛdeɛ asɛmpa no nokorɛ teɛ no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafoɔ?


Ao, me mma nkumaa a mereko mo awoɔ bio kɔsi sɛ wɔbɛwie Kristo suyɛ wɔ mo mu,


Afei nso monim, sɛdeɛ yɛtuu mo nyinaa fo mmaako mmaako, sɛdeɛ agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo den, na yɛdii mo adanseɛ


de kɔma Timoteo a ɔyɛ me gyidie mu ɔba nokorɛ mu: Adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo!


Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehoma mu, Onesimo


Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo.


M’ani agye kɛse, sɛ mahunu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokorɛ mu, sɛdeɛ yɛanya ahyɛdeɛ firi Agya no nkyɛn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan