Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Yohane 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɔdɔfo, mebɔ mpaeɛ sɛ, adeɛ nyinaa mu, ɛnsi wo yie, na nya ahoɔden sɛdeɛ asi wo kra yie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɔdɔfo, mebɔ mpaeɛ sɛ, adeɛ nyinaa mu, ɛnsi wo yie, na nya ahoɔden sɛdeɛ asi wo kra yie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mʼadamfo pa, mebɔ mpae sɛ biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim sɛ wowɔ ahoɔden wɔ honhom fa mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mʼadamfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ biribiara nkɔ so yie mma wo, na nya ahoɔden sɛdeɛ menim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔdɔfo, miyi mpae sɛ, ade nyinaa mu, ensi wo yiye, na nya ahoɔden, sɛnea asi wo kra yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Yohane 1:2
19 Iomraidhean Croise  

Na ɔteeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no.


Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyadeɛ deɛ, nanso Onyankopɔn hunuu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko ara, na me nso bi, na m’awerɛhoɔ annɔɔso.


Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara adeɛ, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfoɔ deɛ bi.


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.


Na yɛn deɛ, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi mo kɔ nkwagyeɛ mu, honhom ahoteɛ ne nokorɛ gyidie mu.


Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.


Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.


Na monnyini yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


Me, ɔpanin no twerɛ kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokorɛ mu.


Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan