Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 9:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Twe pini afɔrebukyia no ho, na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ ne wo bɔne ho afɔdeɛ, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛdeɛ bra, na pata ma wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Twe pini afɔrebukyia no ho, na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ ne wo bɔne ho afɔdeɛ, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛdeɛ bra, na pata ma wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔ afɔremuka no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no mfa nyɛ mpata mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛnea Awurade hyɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔnkɔ afɔrebukyia no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no mfa nyɛ mpatadeɛ mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ twiw bɛn afɔremuka no ho, na bɔ wo hyew afɔre ne wo bɔne ho afɔre, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛde bra, na pata ma wɔn, sɛnea AWURADE hyɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 9:7
12 Iomraidhean Croise  

Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra mfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no.


Na ɔmfa nsuo nnware ne ho deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntadeɛ na ɔmfiri adi nkɔbɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne ɔman no hyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma ɔno ara ne ho ne ɔman no.


Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie.


sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa nantwie ba onini a ɔdi mu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Sɛdeɛ wɔreyɛ no nnɛ da yi no, AWURADE na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ mfa mpata mma mo.


na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwie ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, wɔnni mu, na fa bra AWURADE anim.


Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama,


Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔman no.


Na deɛ ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a ɔno ara, ne ɔman no mfomsoɔ nti ɔde kɔma.


Na enti maka ntam afa Eli fie ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ pata ma Eli fie mpo a, ɛrempepa wɔn amumuyɛ da biara da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan