Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 9:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ AWURADE anim ne aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo, ɛfiri sɛ ɛnnɛ na AWURADE bɛyi ne ho akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ AWURADE anim ne aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo, ɛfiri sɛ ɛnnɛ na AWURADE bɛyi ne ho akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 na wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoe afɔre na wɔmfa asikresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre mma Awurade, efisɛ nnɛ, Awurade beyi ne ho adi akyerɛ mo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Bio, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔmfa asikyiresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ. Ka kyerɛ ma wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa mma Awurade, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Awurade bɛyi ne ho adi akyerɛ mo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoe afɔre, na wɔmfa mmɔ afɔre, AWURADE anim, ne aduan afɔre a wɔagu so ngo, efisɛ ɛnnɛ na AWURADE beyi ne ho akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 9:4
18 Iomraidhean Croise  

Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfoɔ asafo nyinaa no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so, na hwɛ, AWURADE animuonyam yii adi mununkum no mu.


na wɔnsiesie wɔn ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na saa da no, AWURADE bɛsiane ɔman no nyinaa anim aba bepɔ Sinai so.


Na AWURADE animuonyam bɛtenaa Sinai bepɔ so, na mununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔfiri mununkum no mu frɛɛ Mose.


Na ɛhɔ na me ne Israelfoɔ bɛhyia, na wɔafa m’animuonyam so ayɛ kronkron.


Na hwɛ, Israel Nyankopɔn animuonyam refiri apueeɛ kwan so reba, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne, na n’animuonyam maa asase harann.


Na wɔwie nna no a, da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, asɔfoɔ no mmɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no so, na m’ani bɛsɔ mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na sɛ obi de aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, n’ayɛyɛdeɛ no nyɛ esiam, na ɔngu so ngo, na ɔmfa ohwamfufuo nto so.


Na sɛ obi ayɛyɛdeɛ yɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na anantwie no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim.


Na Mose ne Aaron hyɛnee ahyiaeɛ ntomadan no mu; na wɔfirii adie no, wɔhyiraa ɔman no. Ɛnna AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ ɔman no nyinaa.


Na Israelfoɔ no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne nantwie ba ne odwanten ba a wɔadi afe afe a wɔdi mu mmɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,


Na wɔde deɛ Mose hyɛeɛ no baa ahyiaeɛ ntomadan no anim, na asafo no nyinaa twe bae bɛgyinaa AWURADE anim.


Na Mose kaa sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE hyɛeɛ no, monyɛ, na AWURADE animuonyam nyi ne ho nkyerɛ mo.


Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ. Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa.


Na Kora maa asafo mu no nyinaa bɔɔ wɔn so dwa ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ asafo mu no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan