Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 9:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Israelfoɔ no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne nantwie ba ne odwanten ba a wɔadi afe afe a wɔdi mu mmɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Israelfoɔ no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne nantwie ba ne odwanten ba a wɔadi afe afe a wɔdi mu mmɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Israelfo na wonyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔre mma wɔn ho, na wɔmfa nantwi a wadi afe ne oguamma a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyew afɔre no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Israelfo no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔre, ne nantwi ba ne oguanten ba a wɔadi afe a wodi mu mmɛyɛ ɔhyew afɔre,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 9:3
22 Iomraidhean Croise  

Na wɔfaa Yosef atadeɛ no, na wɔkumm ɔpapo bi, na wɔde atadeɛ no bɔɔ mogya no mu.


Na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛgyae wɔn yerenom no, na wɔde odwennini bɔɔ wɔn asodie no ho afɔdeɛ;


Na wɔbobɔɔ Nyankopɔn fie anobue no ho afɔdeɛ: Anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nnwammaa ahanan, ne mpapo a wɔde bɔɔ Israel nyinaa tiri bɔne ho afɔdeɛ, dummienu; sɛdeɛ Israel mmusuakuo ano teɛ no.


Adwammaa a ɔnni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nnwanten anaa mmirekyie mu.


Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no; na ɔbɔɔ no yadeɛ. Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a, ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam.


Na bɔne ho afɔdeɛ papo no, Mose hwehwɛɛ no brɛɛ ara yie, na hwɛ, wɔahye no. Na ne bo fuu Aaron mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no, na ɔkaa sɛ:


Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabaa no a, ɔmfa odwanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aborɔnoma ba anaa anyankuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛma ɔsɔfoɔ no.


Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa nnwanten mma mmienu a wɔdi mu, ne odwammaa bedeɛ baako a wadi afe a ɔdi mu, ne aduane afɔdeɛ esiam efa abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma baako mmra.


Na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ papo a ɔyɛ ɔman no deɛ no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamutam no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛdeɛ ɔde nantwinini no mogya no yɛeɛ no, na ɔmfa mpete mpata adwa no so ne mpata adwa no anim,


Na ɔnnye Israel asafo no hɔ mpapo mmienu, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne odwennini baako, na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɛda a mohim efi no, momfa odwanten ba a ɔdi mu a wadi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE,


ɛnneɛ, ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ ɔpapo a ɔdi mu mmra;


sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa nantwie ba onini a ɔdi mu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwie ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, wɔnni mu, na fa bra AWURADE anim.


ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ AWURADE anim ne aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo, ɛfiri sɛ ɛnnɛ na AWURADE bɛyi ne ho akyerɛ mo.


Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan