Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 8:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔmaa asafo no bɔɔ dwa, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔmaa asafo no bɔɔ dwa, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no, na wohyiaa wɔ Ahyiae Ntamadan kwan no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti nnipa no nyinaa hyiaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na ɔmaa asafo no bɔɔ gua, ahyiae ntamadan no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 8:4
19 Iomraidhean Croise  

Na bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan no, wɔde yɛɛ ɔsom ntadeɛ a wɔde bɛsom kronkronbea hɔ, na wɔyɛɛ Aaron ntade kronkron no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na wɔde bibire nhoma kyekyeree adaaboɔ nkaa no de sosɔɔ asɔfotadeɛ no nkaa no mu sɛ ɛmfam asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no atifi, na adaaboɔ no antwetwe amfiri asɔfotadeɛ no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


adɔmma ne atoaa aba, adɔmma ne atoaa aba didi so ara batakari no mmuano so hyia, na wɔde asom, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


ne adenwono aboomu a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛeɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


na asɔfotadeɛ no nkyekyeremu a ɛwɔ soɔ no, ɛfiri emu ara te sɛ n’adwini no ara, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na ɔde fam asɔfotadeɛ no mmatiri so sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ aboɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na Mose de Aaron mma no nso bae, na ɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ, na ɔde aboomu bobɔ wɔn mu, na ɔde abotire bobɔɔ wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na nantwinini no ara ne ne nwoma ne ne nam ne n’agyanan no, ɔde ogya hyee, nsraban no akyi, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na Mose faa atuhoakyɛ afɔdeɛ dwennini no yan no, na ɔhim yɛɛ ohim afɔdeɛ AWURADE anim; ɛyɛɛ Mose dea, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na ma asafo no nyinaa mmɔ dwa, ahyiaeɛ ntomadan no ano.


Na montena ahyiaeɛ ntomadan no ano awia ne anadwo nnanson, na monwɛn sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no, na moanwuwu, na saa na wɔahyɛ me.


Na Mose ka kyerɛɛ asafo no sɛ: Yei ne adeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnyɛ.


na ɔde abotitene no bɔɔ ne ti, na ɔde sikaterɛ no, kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no, fam abotitene no anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na me deɛ, deɛ menya mefirii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa paanoo,


Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan