Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 7:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na aduane afɔdeɛ a wɔto no fononoo mu nyinaa ne deɛ wɔsiesie no kukuo mu ne ɛkyeɛ dadeɛ soɔ nyinaa, ɔsɔfoɔ a ɔde ba no na ɛnyɛ ne dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na aduane afɔdeɛ a wɔto no fononoo mu nyinaa ne deɛ wɔsiesie no kukuo mu ne ɛkyeɛ dadeɛ soɔ nyinaa, ɔsɔfoɔ a ɔde ba no na ɛnyɛ ne dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Sɛ asɔfo a wɔbɔ atoko ho afɔre ma Awurade no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atoko no nkae bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔde no, wɔto o, wɔkyew o, wɔnoa o, amanne koro no ara ase na ɛhyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Sɛ asɔfoɔ a wɔbɔ atokoɔ ho afɔdeɛ ma Awurade no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atokoɔ no nkaeɛ bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔdeɛ no, wɔto o, wɔkye o, wɔnoa o, amanneɛ korɔ no ara ase na ɛhyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na aduan afɔre a wɔto fononoo mu nyinaa, ne nea wosiesie no kutu mu ne kyew dade so nyinaa, ɔsɔfo a ɔde ba no na ɛnyɛ ne dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 7:9
12 Iomraidhean Croise  

Ɛberɛ no mu na Siriahene Hasael foro bɛnee Gat koeɛ, na ɔfae; na Hasael de n’ani kyerɛɛ sɛ ɔreforo aba Yerusalem.


Aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, wɔn ara na wɔnnie, na Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wɔn deɛ.


Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.


Na aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo anaa deɛ ɛyɛ wesee nyɛ Aaron mma nyinaa deɛ, obiara nnya sɛdeɛ ne yɔnko nya.


Na ɔsɔfoɔ a ɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma obi no, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔbɔeɛ no nwoma nyɛ ɔsɔfoɔ no dea.


Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no.


Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ asɔredan mu adwuma no di asɔredan adeɛ no bie, na wɔn a wɔte afɔrebukyia ho no nso didi afɔrebukyia no ho?


Hwan na ɔkɔ sa na ɔno ara na ɔtua ne ho ka? Hwan na ɔyɛ bobeturo na ɔnni n’aba bie? Anaasɛ hwan na ɔhwɛ mmoakuo na ɔnnom wɔn nufosuo no bie?


Ma deɛ wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne deɛ ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan