Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 7:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so nyɛ AWURADE gya afɔdeɛ; asodie ho afɔdeɛ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so nyɛ AWURADE gya afɔdeɛ; asodie ho afɔdeɛ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔsɔfo no bɛhyew no afɔremuka no so sɛ aduan afɔrebɔ a wɔde rema Awurade. Ɛyɛ afɔdi afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Asɔfoɔ no bɛhye no afɔrebukyia no so sɛ ɛfɔdie ho afɔdeɛ de ama Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa afɔremuka no so nyɛ AWURADE gya afɔre: asodi ho afɔre ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 7:5
13 Iomraidhean Croise  

Na ayamdeɛ ne nnyawa no, ɔmfa nsuo nhohoro ho; na ɔsɔfoɔ no mfa ne nyinaa mmra mmɛhye no afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔnhohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho wɔ nsuo mu; na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔsɔfoɔ no nhye aburoo mfuamfua a wɔapɔn ho no bi ne ngo no bi ne ohwamfufuo no nyinaa sɛ nkaeɛ adeɛ; ɛyɛ ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.


Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ. Ɛyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔsɔfoɔ no nyi ayɛyɛdeɛ no so nkaeɛ adeɛ no, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so; ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne no.


Na ɔsɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ogya afɔreduane a ɛyi hwa hwanhwam; sradeɛ no nyinaa yɛ AWURADE dea.


Na ɔnyi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi mmra mmɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ; sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no soɔ no ne ayamdeɛ no ho sradeɛ nyinaa,


Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


ne sawa mmienu ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan, ɔmfiri sawa ho nyi;


Mmarima a wɔfiri asɔfoɔ abusuakuo nyinaa nni; deɛ ɛhɔ yɛ kronkron na wɔnnie; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu; na m’ase a meteɛ yi deɛ, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete honam mu yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidie mu.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan