Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 7:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔkra bi a ɔbɛka afideɛ biara, onipa ho afideɛ bi oo, aboa a ne ho nteɛ oo, akyiwadeɛ biara a ɛho nteɛ oo, na ɔbɛdi AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bie no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na ɔkra bi a ɔbɛka afideɛ biara, onipa ho afideɛ bi oo, aboa a ne ho nteɛ oo, akyiwadeɛ biara a ɛho nteɛ oo, na ɔbɛdi AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bie no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho ntew no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na oguu ho fi na obedii asomdwoe afɔrebɔde no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho nte no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na ɔguu ho fi na ɔbɛdii asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wagu ade kronkron ho fi.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na ɔkra bi a ɔbɛka afide biara, onipa ho afide bi oo, aboa a ne ho ntew oo, akyide biara a ɛho ntew oo, na obedi AWURADE asomdwoe afɔre nam no bi no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 7:21
31 Iomraidhean Croise  

Na ɔbarima momonoto biara a wɔntwaa no twetia no, saa onipa no wɔbɛtwa no afiri ne man mu, ɛfiri sɛ wato m’apam.


Nnanson na monni apiti. Da a ɛdi kan no ara na monyi mmɔreka nyinaa mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi mmɔreka paanoo firi da a ɛdi kan no de akɔsi da a ɛtɔ so nson no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel mu.


Nnanson na mommma wɔnnhunu mmɔreka wɔ mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi paanoo a emu aka no, ɔhɔhoɔ oo, deɛ wɔwoo no asase no soɔ oo, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel asafo mu.


Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Modi aboa a wɔantwa ne tiri nam, na momma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuo, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa?


Ɛnna mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii, na adeɛ a atɔ anaasɛ wɔtete mu nso, mennii bi da, de firi me mmɔfraase bɛduru sɛsɛɛ, nanso ɛnam a wɔkyire bi nkaa m’ano da.


Ntuboa manyamanya a wɔnante nan nnan so nyinaa nyɛ akyiwadeɛ mma mo.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.


Na ɔhonam nyinaa deɛ, ne mogya ne ne nkwa, enti na mese Israelfoɔ sɛ: Monnni nam biara mogya, ɛfiri sɛ honam nyinaa nkwa ne ne mogya; obiara a ɔdie no, wɔbɛtwa no atwene.


Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara no, wɔbɛtwa wɔn a wɔyɛ no afiri wɔn man mu atwene.


na deɛ ɔdie no bɛsoa ne mmusuo, ɛfiri sɛ AWURADE akronkronneɛ na wagu ho fi, na wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.


Na me nso mɛma m’ani asa onipa no, na matwa no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ, ɔde ne mma mu bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awoɔ ntoatoasoɔ mu barima biara a ɔfiri mo asefoɔ nyinaa mu a ɔba akronkronneɛ a Israelfoɔ ayɛ no kronkron ama AWURADE na ne fi wɔ ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri m’anim atwene: Mene AWURADE.


Aaron asefoɔ mu barima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa deɛ ne ho sene no nnni akronkronneɛ no bi kɔsi sɛ ne ho bɛteɛ; na deɛ ɔka adeɛ a efunu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsuo afiri ne mu,


Na obiara a ɔmmrɛ ne ho ase da no no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


nanso ɔkra a ɔbɛdi asomdwoeɛ afɔdeɛ nam a ɛyɛ AWURADE dea no bie, na n’afideɛ da ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na obiara a ɔbɛdi afieboa a wɔde bi bɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ sradeɛ no, wɔbɛtwa ɔkra a ɔdie no afiri ne man mu atwene.


Ɔkra biara a ɔbɛdi mogya biara no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.


na adeɛ biara a deɛ ne ho nteɛ no ka no ho nte, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ.


Na biribiara a ɛnni tɛtɛ ne abon no, monnni: Ɛho nte mma mo.


Nni akyiwadeɛ biara.


Na Saulo anka hwee da no; ɛfiri sɛ ɔse: Biribi ayɛ no; ne ho nte; ampa ara ne ho nte.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan