Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 7:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na sɛ obi di n’asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛrensɔ ani, na wɔremmu mma deɛ ɔde baeɛ no, ɛyɛ akyiwadeɛ, na ɔkra a ɔbɛdi bie no bɛsoa ne mmusuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na sɛ obi di n’asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛrensɔ ani, na wɔremmu mma deɛ ɔde baeɛ no, ɛyɛ akyiwadeɛ, na ɔkra a ɔbɛdi bie no bɛsoa ne mmusuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Sɛ obi we nea adi nnansa no bi a, Awurade rennye afɔrebɔde no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔde, na onipa a ɔde bae sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔre no rennya so mfaso biara. Ɔsɔfo a ɔbɛwe no nso bedi ho fɔ, efisɛ ɛyɛ akyiwade ma Awurade; na onipa a ɔbɛwe saa nam no, ɛsɛ sɛ oyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Sɛ obi we deɛ adi nnansa no bi a, Awurade rennye afɔrebɔdeɛ no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔdeɛ, na onipa a ɔde baeɛ sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔdeɛ no rennya ho mfasoɔ biara. Ɔsɔfoɔ a ɔbɛwe no nso bɛdi ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ akyiwadeɛ ma Awurade; na onipa a ɔbɛwe saa ɛnam no, ɛsɛ sɛ ɔyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na sɛ obi di n'asomdwoe afɔre nam no bi da a ɛto so abiɛsa no a, ɛrensɔ ani, na wɔremmu mma nea ɔde bae no, ɛyɛ akyide, na ɔkra a obedi bi no bɛsoa ne mmusu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 7:18
31 Iomraidhean Croise  

Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


wɔtenatena adamena mu, deda nkokoam anadwo, wɔdi prakonam, na akyiwadeɛ nkwan wɔ wɔn nkwansɛn mu.


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


Sɛ AWURADE ka wɔ ɔman yi ho nie: Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, wɔansi wɔn nan kwan; enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn; afei na wakae wɔn amumuyɛ rebɛtua wɔn bɔne so ka.


Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa.


Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo; ɔba rensoa n’agya amumuyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumuyɛ bi; ɔteneneeni tenenee bɛtena ne so, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm bɛtena ne so.


M’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no, ɛnam nko na wɔkum die; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛ na wabɛtwe wɔn aso, wɔ wɔn bɔne ho; Misraim na wɔbɛsane akorɔ.


Adɛn nti na moanni bɔne ho afɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron, na ɛno na wɔde ama mo, sɛ monsoa asafo no mmusuo no, na mompata mma wɔn, AWURADE anim.


Na Aaron kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, ɛnnɛ wɔde wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne wɔn hyeɛ afɔdeɛ aba AWURADE anim, na adeɛ a ɛte seyie abɛto me yi; na sɛ medi bɔne ho afɔdeɛ nnɛ a, ɛbɛsɔ AWURADE ani anaa?


Na adeɛ biara a ɛwea fam yɛ akyiwadeɛ, monnni.


na sɛ wansi ne ntadeɛ na wannware ne ho a, ɛnneɛ ɔnsoa ne mmusuo.


Na sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma AWURADE a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛma moasɔ ani:


Na ɔbarima a ɔfa ne nuabaa a ɔyɛ n’agya ba anaa ne na ba na ɔhunu n’adagya na ɔbaa no nso hunu n’adagya no, ɛyɛ animguasedeɛ, na wɔntwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabaa adagya so; ɔnsoa ne mmusuo.


Na nyi wo na nuabaa anaa w’agya nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ wayi ne bogya adagya so; wɔnsoa wɔn mmusuo.


na wɔmmma wɔnnsoa asodie bɔne bi wɔn akronkronneɛ no die mu, ɛfiri sɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron.


Na nantwie anaa odwan a ne ho biribi boro soɔ anaasɛ watɔ ape no, ayamyi afɔdeɛ deɛ, fa no bɔ, na aboadeɛ deɛ, ɛnsɔ ani.


Na ɔnanani bi nsam nso monnnye yeinom mu biara mmfa mmmɛyɛ mo Nyankopɔn aduane, ɛfiri sɛ wɔn ho aka, ɛdɛm wɔ wɔn ho, ɛrensɔ ani mma mo.


Na sɛ obi yɛ bɔne yɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu adeɛ baako a, sɛ wanhunu mpo a, ɔdi so na ɔso ne mmusuo;


Na nam a aka biribi a ɛho nteɛ no, wɔnnni; wɔmfa ogya nhye. Na nam deɛ, obiara a ne ho teɛ nni,


Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ.


Anka ɛyɛ sɛ mo mu bi kɔtoto apono mu nso, na moansɔ m’afɔrebukyia so gya kwa! m’ani nsɔ mo hwee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mo nsam ayɛyɛdeɛ nyɛ me fɛ.


Nso moka sɛ: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn nie! Na mopeepee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mode fomfa adeɛ ne aboa apakye ne ɔyarefoɔ ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛdeɛ; mɛgye no mo nsam ama no ayɛ me fɛ anaa? AWURADE na ɔseɛ.


Na wɔmmu mo mmasoɔ adeɛ mma mo sɛ ayuporebea ayuo ne nsa-kyi-amena mu adenya.


Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.


Na ɔnyaa twetiatwa nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ne momonotoyɛ mu gyidie a ɔde nyaa tenenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifoɔ nyinaa agya, na wɔabu tenenee no ama wɔn nso,


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.


Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan