Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 7:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Mmɔreka paanoo taterɛ na ɔmfa nka n’ayɛyɛdeɛ ne n’asomdwoeɛ aseda afɔdeɛ no ho mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Mmɔreka paanoo taterɛ na ɔmfa nka n’ayɛyɛdeɛ ne n’asomdwoeɛ aseda afɔdeɛ no ho mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔmfa brodo a emu piw a wɔde mmɔkaw afra nka saa aseda asomdwoe afɔre yi ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔmfa burodo a wɔde mmɔreka afra nka saa aseda asomdwoeɛ afɔdeɛ yi ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Mmɔkaw abodoo tetare na ɔmfa nka n'ayɛyɛde ne n'asomdwoe aseda afɔre no ho mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 7:13
7 Iomraidhean Croise  

na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.


Momfa nnoɔma yi mmrɛ AWURADE sɛ aba a ɛdi kan mu afɔrebɔdeɛ, nanso wɔmmfa bi mmma afɔrebukyia no so sɛ ɛmmɛyi hwa hwanhwam.


Momfa ohim paanoo mmienu mfiri mo tenabea mmra; esiam abupɛn du mu mmienu mmɔreka na wɔmfa nto, na ɛnyɛ aduanekan mma AWURADE.


Na momfa nnwanten mma nson a wɔdi mu a wɔadi afe afe ne nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu nka paanoo no ho; wɔnyɛ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na momfa mmɔreka paanoo nhye aseda afɔdeɛ na mompae ayamyi ayɛyɛdeɛ mma wɔnte. Na saa na mopɛ, mo Israelfoɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa ma mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ.


Na Nyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ, na sɛ yɛde aseda gye a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ yɛkyiri biribiara;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan