Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 7:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na yei ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE no ho mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na yei ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE no ho mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “ ‘Amanne a ɛfa asomdwoe afɔre sononko a wɔbɔ ma Awurade no ho no ni:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “ ‘Amanneɛ a ɛfa asomdwoeɛ afɔdeɛ sononko a wɔbɔ ma Awurade no nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na eyi ne asomdwoe afɔre a wɔbɔ ma AWURADE no ho mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 7:11
12 Iomraidhean Croise  

Na Hesekia kaa sɛ: Afei moadwira mo ho ama AWURADE, montwe mpini, na momfa okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ mmra AWURADE fie. Na badwa no de okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ bae, na obiara a ɔwɔ ayamyɛ akoma no de ɔhyeɛ afɔdeɛ bae.


Na ɔsii AWURADE afɔrebukyia no bio, na ɔbobɔɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ, na ɔhyɛɛ Yuda sɛ wɔnsom AWURADE Israel Nyankopɔn no.


Asomdwoeɛ afɔrebɔ da me so, ɛnnɛ na mama m’aboadeɛ;


na odwan baako a ɔfiri nnwankuo mu, nnwan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔ no mu, na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Da a mokum no ara na wɔnnie, ne n’adekyeeɛ, na deɛ ɛbɛka akɔduru nnansa no, wɔmfa ogya nhye.


Na sɛ mobɔ aseda afɔdeɛ ma AWURADE a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛma moasɔ ani;


Na aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo anaa deɛ ɛyɛ wesee nyɛ Aaron mma nyinaa deɛ, obiara nnya sɛdeɛ ne yɔnko nya.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ n’asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no, ɔmfa n’asomdwoeɛ afɔdeɛ no mu ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE.


Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ.


ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Suar ba Netanel ayɛyɛdeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan