Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 7:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na yei ne asodie ho afɔdeɛ ho mmara; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na yei ne asodie ho afɔdeɛ ho mmara; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “ ‘Amanne a ɛfa afɔdi afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ho no ni:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “ ‘Amanneɛ a ɛfa bɔne afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron no nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyi ne asodi ho afɔre ho mmara; ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 7:1
17 Iomraidhean Croise  

Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apueeɛ pono no na na ɔhwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ayɛyɛdeɛ no soɔ, sɛ ɔde AWURADE mmasoɔ adeɛ ne akronkronneɛ mu adekronkron no bɛma.


Na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no mu no, apono mmienu sisi ha, na mmienu nso sisi ha, na ɛho na wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ.


Aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, wɔn ara na wɔnnie, na Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wɔn deɛ.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfoɔ no bɛnoa asodie ho afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no, na wɔatoto aduane afɔdeɛ no, na wɔamfa amfiri adi ankɔ abannwa a ɛwɔ ho no so ankɔte ɔman no ho.


Ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu ade kronkron ɛne akronkronneɛ no deɛ, ɔnni bi.


Na sɛ ne nsa anso anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu so a, deɛ ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ ho ayɛyɛdeɛ ne esiam olonka abupɛn du mu baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohwamfufuo nnto so, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Sɛ obi anhyɛ da yɛ bɔne a ɛyɛ kusumdie wɔ AWURADE akronkronneɛ ho a, ɛnneɛ, n’asodie afɔdeɛ a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, dwetɛ nnwetɛbena mu, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ.


Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔmfa deɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ no kane, na ɔnkyinsa ne ti, ne kɔn so, nanso ɔnnte mfiri so;


Wɔmmfa mmɔreka mmfra nnto. Wɔn kyɛfa a mede mama wɔn wɔ me gya afɔdeɛ mu ne no; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ.


Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Yei ne bɔne ho afɔdeɛ ho mmara: Faako a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no, ɛhɔ ara na wɔnkum bɔne ho afɔdeɛ deɛ no, AWURADE anim; akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.


Na ɔntua ne ho adeɛ mma AWURADE n’ahotua nna no, na ɔmfa odwanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodie ho afɔdeɛ; na kane nna no ayera, ɛfiri sɛ n’ahotua no ho agu fi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan