Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 6:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 anaa adeɛ biara a ɔkaa ɛho ntanhunu no nsane mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako mpae so mma ɔdenadeɛ no, n’asodie ho afɔrebɔ da no ara;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 anaa adeɛ biara a ɔkaa ɛho ntanhunu no nsane mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako mpae so mma ɔdenadeɛ no, n’asodie ho afɔrebɔ da no ara;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 biribiara a waka ho ntamhunu no nso, ɔbɛsan de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ɛyɛ ne de no wɔ da a ɔrebɔ afɔdi ho afɔre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Biribiara a waka ho ntanhunu no nso, ɔbɛsane de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ne dea no, ɛda a ɔrebɔ afɔdie ho afɔdeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 anaa ade biara a ɔkaa ho ntanhunu no nsan mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn anum mu biako mpae so mma ɔdede, n'asodi ho afɔrebɔ da no ara;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 6:5
16 Iomraidhean Croise  

Na odwan no, ɔnhyɛ ananmu mprɛnnan, sɛ wadi saa asɛm yi na wanhunu mmɔborɔ.


Na yɛhyɛɛ sɛ yɛde yɛn asase so aduanekan ne nnua nyinaa aba a ɛdi kan bɛba AWURADE fie daa afe,


Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwie nnum nsi nantwie baako no ananmu, ne nnwan nnan nsi odwan baako no ananmu.


Sɛ wɔhunu akorɔnneɛ wɔ ne nsam, sɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, na ɔyɛ anikan a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nsi ananmu.


Sɛ obi de sika anaa nnoɔma ma ne yɔnko asie na wɔwia wɔ onipa no fie na wɔhunu owifoɔ no a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nhyɛ ananmu.


Mmarato ho asɛm biara, nantwie deɛ oo, afunumu deɛ oo, odwan deɛ oo, atadeɛ deɛ oo, adeɛ a ayera biara a nnipa baanu bɛpere ho sɛ ɛyɛ wɔn dea no obi bɛka sɛ “ɛne no” deɛ oo, Nyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Deɛ Onyankopɔn bɛbu no fɔ no, mmɔ ho mmienu nhyɛ ne yɔnko no ananmu.


Aaron nhye so aduhwam daa anɔpa; ɔsiesie nkanea no a, ɔnhye aduhwam no.


Ɛnyɛ yei ne abuadadie a mepɛ? Sɛ mobɛsanesane abɔnefoɔ apɔ, ahotiri kɔnnua nhoma, ama wɔn a wɔhom wɔn soɔ no afa wɔn ho akɔdie, na moabubu kɔnnua nyinaa?


Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bɛbua, wobɛteam, na ɔbɛka sɛ: Menie. Sɛ woyi kɔnnua firi wo mu, nsateaa tene ne ahuhukasa,


na sɛ ɔbɔnefoɔ dane awowasideɛ kɔma, ɔhyɛ deɛ ɔfomeeɛ no ananmu, ɔnante nkwa ahyɛdeɛ mu sɛ ɔrenyɛ amumuyɛdeɛ a, nya na ɔbɛnya nkwa, ɔrenwu;


Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka.


Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan