Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 5:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔde na ɔbaako ayɛ ne hyew afɔrebɔde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔdeɛ na ɔbaako ayɛ ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na sɛ ne nsa anso oguan so a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodi ho afɔre; biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako nyɛ ɔhyew afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 5:7
24 Iomraidhean Croise  

Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabaa no a, ɔmfa odwanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aborɔnoma ba anaa anyankuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛma ɔsɔfoɔ no.


Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.


Na ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso soɔ no mu baako,


adeɛ a ne nsa bɛso soɔ no mu baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mpae aduane afɔdeɛ no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma deɛ wɔrete ne ho no, AWURADE anim.


Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no ɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim, mfiri n’ahosene a ɛho nteɛ no mu.


Na ɔnnye Israel asafo no hɔ mpapo mmienu, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne odwennini baako, na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na sɛ ohia aka no a enti ɔntumi mma wo boɔ a wobɔeɛ no a, wɔmfa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ; sɛdeɛ deɛ wahyɛ bɔ no nsa bɛso soɔ, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ.


Na sɛ ne nsa anso anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu so a, deɛ ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ ho ayɛyɛdeɛ ne esiam olonka abupɛn du mu baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohwamfufuo nnto so, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Na yei ne asodie ho afɔdeɛ ho mmara; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Na Israelfoɔ no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne nantwie ba ne odwanten ba a wɔadi afe afe a wɔdi mu mmɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,


Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Ɔbarima anaa ɔbaa yɛ bɔne tia onipa bi de fom AWURADE a,


Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano.


Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma no sɛ efunu no nti wafom, na ɔnyɛ ne tiri kronkron bio da no ara.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui.


Na wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, hwɛ, ntɛm ara na ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ.


na wɔakɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Awurade mmara mu no: Anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu.


Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan