Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 5:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, nnwan mu ɔbedeɛ, odwanten anaa abirekyie, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, nnwan mu ɔbedeɛ, odwanten anaa abirekyie, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere anaa abirekyibere bɔ afɔre ma Awurade wɔ ne bɔne ho asotwe ho. Ɔsɔfo na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔre ama no. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 na ɔde odwanbereɛ anaa abirekyibereɛ bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔsɔfoɔ na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔdeɛ ama no. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n'asodi ho afɔre mmrɛ AWURADE, nguan mu ɔbere, oguanten anaa abirekyi, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 5:6
13 Iomraidhean Croise  

Na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no mu no, apono mmienu sisi ha, na mmienu nso sisi ha, na ɛho na wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammoa ne anafoɔ fam adammoa a ɛsisi adihɔ no anim no ne adammoa kronkron a asɔfoɔ a wɔbɛn AWURADE no bɛdi akronkronneɛ mu akronkronneɛ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronneɛ mu akronkronneɛ nguguo, aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, na ɛhɔ yɛ kronkron.


na ɛda a ɔrehyɛne kronkronbea akɔ emu fam abannwa so akɔsom kronkronbea no, ɔmfa ne bɔne ho afɔdeɛ mmra, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na sɛdeɛ ɔyɛɛ bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, saa ara na wɔnyɛ yei nso; na ɔsɔfoɔ no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn.


ɛnneɛ, ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ, abirekyibereɛ a ɔdi mu mmra mmɛma;


Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na sɛ ɔde adwammaa bɛyɛ n’ayɛyɛdeɛ ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɔmfa ɔbedeɛ a ɔdi mu mmra.


Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ adwammaa ho sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


na ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ a ɔde rebrɛ AWURADE no mmrɛ ɔsɔfoɔ no, nnwan mu odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ.


Na ɔntua ne ho adeɛ mma AWURADE n’ahotua nna no, na ɔmfa odwanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodie ho afɔdeɛ; na kane nna no ayera, ɛfiri sɛ n’ahotua no ho agu fi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan