Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 5:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Sɛ asɛnhunu firi onipa anomu anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi na ɔnnim mpo a, sɛ akyire n’ani ba ne ho so a, ɔdi adeɛ yi mu biara ho so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Sɛ asɛnhunu firi onipa anomu anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi na ɔnnim mpo a, sɛ akyire n’ani ba ne ho so a, ɔdi adeɛ yi mu biara ho so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 anaa sɛ obi annwene ho na ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ biribi a eye anaa ennye na akyiri no ohu nʼafɔdi;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ obi ka ntam a, sɛ ntam no yɛ anaa ɛyɛ ntanhunu no, sɛ ɔhunu sɛ ɛyɛ ntanhunu a, ɔdi ho fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Sɛ asɛnhunu fi onipa anom anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi, na onnim mpo a, sɛ akyi no n'ani ba ne ho so a, odi ade yi mu biara ho so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 5:4
25 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntamu, na ɛda Dawid ne Saulo ba Yonatan ntamu no nti, ɔhene hunuu Saulo ba Yonatan ba Mefiboset mmɔbɔ.


Ɛnna ɔkaa sɛ: Sɛ wɔankum Safat ba Elisa nnɛ da yi a, Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnto so sei.


Na wɔhoo ne honhom werɛ, na ɔde n’ano woroo nsɛm.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.


Anaasɛ sɛ ɔka onipa ho fi bi, na sɛ afideɛ a ama oniiko ho agu fi no te sɛn ara, na ɔnnim mpo a, sɛ akyire yi ɔhunu a, ɔdi so.


Na sɛ ɔyɛ ɔbarima yere, na ne bɔhyɛ anaa deɛ afiri n’anomu a ɔde atua ne kra biribie no da ne so,


Na sɛ da a ne kunu teɛ no, wampene a, na wasane ne bɔhyɛ a ɛda ne soɔ ne deɛ ɛfirii n’anomu a ɔde tuaa ne kra biribie no, na AWURADE de bɛkyɛ no.


Ɛno nti ɔkaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a ɔbɛbisa.


Na ɛyɛɛ ɔhene no ya, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no.


Na ɔkaa no ntam sɛ: Adeɛ biara a wobɛbisa me no, mɛma wo, de kɔsi m’ahennie fa so.


Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.


Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.


ɛnneɛ deɛ ɛbɛfiri me fie apono ano abɛhyia me da a meresane mafiri Amonfoɔ so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ AWURADE deɛ, na mede bɛbɔ afɔdeɛ mu.


Na yɛn deɛ, yɛrentumi mfa yɛn mma mu biara mma wɔn aware, ɛfiri sɛ Israelfoɔ akeka ntam sɛ: Nnome nka deɛ ɔde ɔbaa bi bɛma Benyamin awareɛ.


Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam, ɛfiri sɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu biara mma wɔn awareɛ?


ɛnneɛ, sɛ nokorɛ ne tenenee mu na mo ne Yerubaal ne ne fie adi nnɛ yi a, mo ani nnye Abimelek ho, na ɔno nso ani nnye mo ho.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.


Sɛ ɛkɔsi ɔkyena anɔpa, megya n’adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu onini baako sei mpo a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfoɔ saa na ɔnka ho saa!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan