Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Anaasɛ sɛ obi ka afideɛ biara, sɛ aboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa afieboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa aboaa bi a ne ho nteɛ funu, na ɔnnim mpo a, ne ho agu fi, na ɔdi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Anaasɛ sɛ obi ka afideɛ biara, sɛ aboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa afieboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa aboaa bi a ne ho nteɛ funu, na ɔnnim mpo a, ne ho agu fi, na ɔdi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa ka ade bi a amanne kwan so no ɛho ntew, te sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, sɛ ɔyɛ wuram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea wɔ fam no, mpo sɛ onnim sɛ ne ho agu fi na akyiri no ogye nʼafɔdi to mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa ka adeɛ bi a amanneɛ kwan so, ɛho nte, te sɛ aboa bi a ne ho nteɛ no funu, sɛ ɔyɛ wiram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea fam no, mpo sɛ wɔnnim sɛ wɔn ho agu fi a, wɔbɛfa no sɛ wɔn ho nte na wɔdi fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 anaasɛ sɛ obi ka afide biara, sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, anaa afieboa bi a ne ho ntew funu, anaa aboaa bi a ne ho ntew funu, na onnim mpo a, ne ho agu fi, na odi so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 5:2
16 Iomraidhean Croise  

Hwan na ɔhunu ɔno ara ne mfomsoɔ mu? Me bɔne a ahunta me, fa kyɛ me.


Montwe mo ho, montwe mo ho mfiri hɔ nkɔ, monnka adeɛ a ɛho nteɛ; momfiri adi mfiri ne mu, monte mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinneɛ no.


Na ɛnyɛ mo akyiwadeɛ, monnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, monkyi.


Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho nte mma mo.


Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahunta ɔman no ani so, na wɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wɔdi so,


Na sɛ obi yɛ bɔne yɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu adeɛ baako a, sɛ wanhunu mpo a, ɔdi so na ɔso ne mmusuo;


Anaasɛ sɛ ɔka onipa ho fi bi, na sɛ afideɛ a ama oniiko ho agu fi no te sɛn ara, na ɔnnim mpo a, sɛ akyire yi ɔhunu a, ɔdi so.


Sɛ asɛnhunu firi onipa anomu anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi na ɔnnim mpo a, sɛ akyire n’ani ba ne ho so a, ɔdi adeɛ yi mu biara ho so;


Na ɔkra bi a ɔbɛka afideɛ biara, onipa ho afideɛ bi oo, aboa a ne ho nteɛ oo, akyiwadeɛ biara a ɛho nteɛ oo, na ɔbɛdi AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bie no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.


Na Hagai bisaa sɛ: Sɛ, efunu nti, deɛ ne ho akum kɔka yeinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Aane, ɛho akum.


na adeɛ biara a deɛ ne ho nteɛ no ka no ho nte, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ.


Monnue sɛ mote sɛ nnamena a ɛnna adie, na nnipa a wɔnam soɔ no nhunu.


Enti momfiri wɔn mu, na monte mo ho mfiri wɔn mu, Awurade na ɔseɛ, na monnka deɛ ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


ne prako nso, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo. Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan