Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 5:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa mu nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye no afɔrebukyia no so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no: Bɔne ho afɔdeɛ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa mu nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye no afɔrebukyia no so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no: Bɔne ho afɔdeɛ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔde bɛma ɔsɔfo no. Na ɔsɔfo no asaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so ama Awurade sɛ afɔrebɔde biara. Eyi bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no. Na ɔsɔfoɔ no asa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no afɔrebukyia no so ama Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ biara. Yei bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no mfa mu nsa ma nyɛ nkae ade, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, sɛnea AWURADE gya afɔrebɔ te no; bɔne ho afɔre ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 5:12
15 Iomraidhean Croise  

Na ayamdeɛ ne nnyawa no, ɔmfa nsuo nhohoro ho; na ɔsɔfoɔ no mfa ne nyinaa mmra mmɛhye no afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔnsuane no mu, n’atabu so, nanso ɔnnte mu, na ɔsɔfoɔ no nhye wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔnhohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho wɔ nsuo mu; na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔsɔfoɔ no nhye aburoo mfuamfua a wɔapɔn ho no bi ne ngo no bi ne ohwamfufuo no nyinaa sɛ nkaeɛ adeɛ; ɛyɛ ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.


Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ. Ɛyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔsɔfoɔ no nyi ayɛyɛdeɛ no so nkaeɛ adeɛ no, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so; ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne no.


Na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so: Ɛyɛ aduane afɔdeɛ a wɔbɔ no gya so ma AWURADE.


ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi.


Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ adwammaa ho sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na sɛ ne nsa anso anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu so a, deɛ ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ ho ayɛyɛdeɛ ne esiam olonka abupɛn du mu baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohwamfufuo nnto so, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.


Na ɔmfa aduane afɔdeɛ no esiam no nsa ma ne ngo no bi ne aduane afɔdeɛ no so hwamfufuo nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam nyɛ nkaeɛ adeɛ mma AWURADE.


na ɔsɔfoɔ no mfa aduane afɔdeɛ no nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so, na ɛno akyiri no, ɔmma ɔbaa no nnom nsuo no.


Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan