Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 5:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na sɛ ne nsa anso anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu so a, deɛ ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ ho ayɛyɛdeɛ ne esiam olonka abupɛn du mu baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohwamfufuo nnto so, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na sɛ ne nsa anso anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu so a, deɛ ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ ho ayɛyɛdeɛ ne esiam olonka abupɛn du mu baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohwamfufuo nnto so, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburoo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnomamma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre a, ɔde asikresiam muhumuhu lita abien ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhuam nso gu so, efisɛ ɛyɛ bɔne afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ a, ɔde asikyiresiam papa lita mmienu ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhwam nso gu so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ bɔne afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na sɛ ne nsa anso nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien so a, nea ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛe ho ayɛyɛde ne asikresam olonka abupɛn du mu biako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohuamfufu nnto so, efisɛ ɛyɛ bɔne ho afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 5:11
23 Iomraidhean Croise  

Na wɔde olonka susui, na deɛ ɔtasee pii no annya akyire bi, na deɛ ɔtasee kakraa bi no anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛdeɛ wɔbɛdie.


Nso olonka yɛ efa du mu baako.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n’ayɛyɛdeɛ mmra.


Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.


Na sɛ ɔdi hia na ne nsa anso yeinom so a, ɛnneɛ ɔmfa odwanten ba baako mmɛyɛ asodie ho afɔdeɛ nyɛ ohim afɔdeɛ mfa mpata mma no, ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma


Na sɛ ohia aka no a enti ɔntumi mma wo boɔ a wobɔeɛ no a, wɔmfa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ; sɛdeɛ deɛ wahyɛ bɔ no nsa bɛso soɔ, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ.


Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa mu nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye no afɔrebukyia no so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no: Bɔne ho afɔdeɛ ne no.


na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, nnwan mu ɔbedeɛ, odwanten anaa abirekyie, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.


na ɔmfa bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi mpete afɔrebukyia no ho, na mogya no nkaeɛ no ɔmfa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase, bɔne ho afɔdeɛ ne no.


Yei ne Aaron ne ne mma ayɛyɛdeɛ a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no; esiam olonka abupɛn du mu baako nyɛ daa ayɛyɛdeɛ, anɔpa deɛ fa na anwummerɛ deɛ fa.


ɛnneɛ ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfoɔ no anim. Na ɔmfa ɔbaa no ho ayɛyɛdeɛ, atokosiam olonka abupɛn du mu baako mmra: Ɔnngu so ngo nanso ɔnnto so ohwamfufuo, na ɛyɛ ninkunu ho aduane afɔdeɛ, nkaeɛ aduane afɔdeɛ a wɔde kae amumuyɛ.


Na n’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako a ano si nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;


na wɔakɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Awurade mmara mu no: Anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu.


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Ampa ara, wɔde mogya na ɛte nnoɔma nyinaa ho, sɛdeɛ mmara no teɛ, na mogya angu a, bɔne fakyɛ nni hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan