Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 5:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no, ɔmfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no, ɔmfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na ɔsɔfo no de anomaa a ɔto so abien no bɛbɔ ɔhyew afɔre sɛnea ɔbɔɔ afɔre a edi kan no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama nea wayɛ bɔne no, na ɛnam so ama wɔde ne bɔne akyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔde anomaa a ɔtɔ so mmienu no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ ɔbɔɔ afɔdeɛ a ɛdi ɛkan no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama deɛ wayɛ bɔne no, na ɛnam so ma wɔde ne bɔne akyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na nea ɔto so abien no, ɔmfa no mmɔ ɔhyew afɔre, sɛnea ne yɛbea te. Na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 5:10
12 Iomraidhean Croise  

Na sɛdeɛ ɔyɛɛ bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, saa ara na wɔnyɛ yei nso; na ɔsɔfoɔ no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn.


Na ɔnhye ne sradeɛ nyinaa wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ adwammaa ho sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.


Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, nnwan mu ɔbedeɛ, odwanten anaa abirekyie, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.


Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan