Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 4:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nkeka aduhwamhyeɛ bukyia a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan mu no mmɛn ho, na ɔnhwie nantwie no mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nkeka aduhwamhyeɛ bukyia a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan mu no mmɛn ho, na ɔnhwie nantwie no mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, ɔsɔfo no de mogya no bi begu aduhuam no tumpan a esi afɔremuka no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wobehwie agu afɔremuka no ase de abɔ ɔhyew afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, ɔsɔfoɔ no de mogya no bi bɛgu aduhwam no toa a ɛsi afɔrebukyia no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase de abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔsɔfo no mfa mogya no bi nkeka aduhuamhyew muka a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiae ntamadan mu no mmɛn ho, na onhwie nantwi no mogya nyinaa ngu ɔhyew afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan ano no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 4:7
17 Iomraidhean Croise  

AWURADE ne Onyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa dua mman ntwa afahyɛ asefoɔ no ho nhyia nkɔduru afɔrebukyia no mmɛn ho.


Na fa nantwie no mogya no bi, na fa wo nsateaa bɔ mu sra afɔrebukyia no mmɛn no ho; na hwie mogya no nyinaa gu afɔrebukyia no ase.


Na ɔnkum nantwinini no, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no so nhyia.


Na ɔmfiri adi mmra afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no ho, na ɔmpata mma no, na ɔmfa nantwinini no mogya no bi ne ɔpapo no mogya no bi nkeka afɔrebukyia no mmɛn ho nhyia,


na ɔmfa mogya no bi nkeka afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no mu, no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛsi ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.


Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mfa bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya no ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase.


Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nka mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase.


Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nka bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase.


na ɔmfa bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi mpete afɔrebukyia no ho, na mogya no nkaeɛ no ɔmfa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase, bɔne ho afɔdeɛ ne no.


Na bɔne ho afɔdeɛ a wɔde ne mogya no bi ba ahyiaeɛ ntomadan mu bɛpata wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa, wɔnnni, wɔmfa ogya nhye.


Na Mose kumm no, na ɔde ne nsateaa kaa mogya no bi kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho hyiae, na ɔyii afɔrebukyia no ho bɔne, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase de dwiraa sɛ ɔde repata so.


Na ne mma no de mogya no kɔmaa no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu de kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase.


Na afei deɛ, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.


Yei nti na ɔyɛ Apam foforɔ ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn a wɔabɔ wɔn din afrɛ wɔn no anya daa agyapadeɛ bɔhyɛ no, ɛsiane owuo a ɔwu de gyee wɔn a wɔyɛɛ kane apam no ho mfomsoɔ no.


Na ntomadan ne asɔfodwuma nnoɔma nyinaa nso, ɔde mogya no petee ho saa ara.


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnum no ano no, mehunuu wɔn a Nyankopɔn asɛm ne wɔn adanseɛ a wɔdiiɛ nti wɔakunkum wɔn no akra, afɔrebukyia no ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan