Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 4:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mprɛnson, AWURADE anim, kronkronbea ntwamutam no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mprɛnson, AWURADE anim, kronkronbea ntwamutam no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ Awurade anim wɔ ntama a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade anim wɔ ntoma a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 na ɔsɔfo no mfa ne nsatea mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mpɛn asɔn, AWURADE anim, kronkronbea ntwamu mmɔhɔɔ no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 4:6
22 Iomraidhean Croise  

na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na ɔsii ntwamutam no, na ɔde kataa adanseɛ adaka no ano, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na ɔde sika afɔrebukyia no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ntwamutam no anim;


na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmfa ne nsateaa nka ngo no bi mpete mprɛnson, AWURADE anim;


na ngo a ɛbɛka ɔsɔfoɔ no nsam no, ɔnhwie ngu deɛ wɔrete ne ho no atifi, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim.


na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa nka ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no bi mpete mprɛnson, AWURADE anim;


na ɔmfa mpete deɛ ɔbɛte ne ho afiri ne kwata ho no so mprɛnson, na ɔnte ne ho, na ɔnnyaa anomaa nikanfoɔ no mma no nkɔ wiram.


Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsateaa nka mpete mpata adwa no so anim fam, na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete mpata adwa no anim hɔ mprɛ nson.


na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete so mprɛ nson, na ɔnte ho nyɛ no kronkron mfiri Israelfoɔ no afideɛ mu.


Na kan home mfeɛ nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, fa, na home mfeɛ nson no mu nna nyɛ aduanan nkron.


Na sɛ yeinom mu moantie me ara a, ɛnneɛ mo bɔne nti mɛtwe mo aso mprɛnson aka ho,


ɛnneɛ me nso mene mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mprɛnson.


ɛnneɛ mede abufuhyeɛ ne mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mprɛnson.


na ɔmfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu mfa mpete mprɛnson, AWURADE anim, ntwamutam no anim,


Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mfa bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya no ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase.


Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nka mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase.


Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nka bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase.


na ɔde bi petee afɔrebukyia no so mprɛnson, na ɔsraa afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo no ne ntaaseɛ no ngo de yɛɛ no kronkron.


Na Mose kumm no, na ɔde ne nsateaa kaa mogya no bi kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho hyiae, na ɔyii afɔrebukyia no ho bɔne, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase de dwiraa sɛ ɔde repata so.


Na ne mma no de mogya no kɔmaa no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu de kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase.


Na Ɔsɔfoɔ Eleasa mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiaeɛ ntomadan no anim fam mprɛnson.


Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no no, asɔfoɔ baason a wɔkurakura osebɔ ntotorobɛnto no sene dii AWURADE anim na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no, na AWURADE apam adaka no dii wɔn akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan