Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 4:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na okum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na ɔkum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa ne nsa nto n'atifi, na onkum no, AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 4:4
11 Iomraidhean Croise  

Na wɔde bɔne ho afɔdeɛ mpapo no baa ɔhene badwa no anim, na wɔde wɔn nsa guguu wɔn so.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Na Aaron mfa ne nsa mmienu ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfoɔ no mfomsoɔ nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ no ɔmfa ngu ɔpapo no atifi, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkɔgyaa no mma no nkɔ ɛserɛ so,


Na asafo no mu mpanimfoɔ mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wɔnkum nantwie no, AWURADE anim.


na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔdeɛ no atifi, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ no deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ.


Na ɔmaa wɔde bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu bɔne afɔdeɛ nantwinini no atifi.


Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwie no atifi, na fa baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ, na fa baako nso bɔ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, na pata ma Lewifoɔ no.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan