Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 4:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahunta ɔman no ani so, na wɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wɔdi so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahunta ɔman no ani so, na wɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wɔdi so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “ ‘Sɛ Israelfo nyinaa yɛ bɔne a etia Awurade, na sɛ ɛnyɛ ɔboayɛ a, nnipa no nyinaa bedi ho fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “ ‘Sɛ Israelfoɔ nyinaa yɛ bɔne a ɛtia Awurade, na sɛ ɛnyɛ boapa yɛ a, nnipa no nyinaa bɛdi ho fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahintaw ɔman no, na wɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wodi so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 4:13
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛgyae wɔn yerenom no, na wɔde odwennini bɔɔ wɔn asodie no ho afɔdeɛ;


Nso bɔ w’akoa ho ban wɔ bɔne a wɔboapa yɛ ho, na anhyɛ me so. Ɛno na mɛdi bem, na me ho afi amumuyɛ kɛseɛ ho.


Na ɔberempɔn no mfa nantwinini bi, da no ara, mmɔ ɔno ara ne asase no so man nyinaa ho bɔne afɔdeɛ.


Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi, akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


Na ɔnnye Israel asafo no hɔ mpapo mmienu, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne odwennini baako, na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɔmfa nantwinini no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na ɔnhye no sɛdeɛ wɔhyee kane nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔdeɛ ne no.


Na sɛ obi yɛ bɔne yɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu adeɛ baako a, sɛ wanhunu mpo a, ɔdi so na ɔso ne mmusuo;


sɛ ɛba sɛ ɔyɛ bɔne na ɔdi so saa a, ɔmfa adeɛ a ɔfaeɛ anaa adeɛ a ɔdii mu amim, anaa adeɛ a wɔde maa no asie anaa adeɛ a ɛyeraeɛ a ɔhunuiɛ,


Na sɛ mofom na moanni mmara nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose yi nyinaa so,


Enti deɛ ɔbɛdi paanoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛdeɛ ɛnsɛ no, ɔbɛdi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.


Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu.


Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan