Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 4:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 nantwinini mu no nyinaa, mfiri nkɔ nsraban no akyi, deɛ ɛhɔ teɛ, deɛ wɔhwie nso guo, na ɔmfa ogya nhye no nnyina so; deɛ wɔhwie nso guo na wɔnhye no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 nantwinini mu no nyinaa, mfiri nkɔ nsraban no akyi, deɛ ɛhɔ teɛ, deɛ wɔhwie nso guo, na ɔmfa ogya nhye no nnyina so; deɛ wɔhwie nso guo na wɔnhye no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ tew wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ fi afɔremuka no so kɔ hɔ kɔhyew no nnyansin so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ te wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ firi afɔrebukyia no so kɔ hɔ kɔhye no nnyensin so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 nantwinini mu no nyinaa, mfi nkɔ nsra no akyi, nea ɛhɔ tew, nea wohwie nso gu, na ɔmfa ogya nhyew wɔ mmabaa so; nea wohwie nso gu na wɔnhyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 4:12
16 Iomraidhean Croise  

Nantwie no nam ne ne nwoma ne n’agyanan deɛ, fa ogya hye no nsraban no akyi, ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Na fa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, na hye no, asɔrefie no baabi a wɔayi ato hɔ, kronkronbea adihɔ fam no.


Nna dodoɔ a yadeɛ no wɔ ne ho no, teɛ na ne ho nteɛ; ɔno nko na ɔntena, nsraban no akyi na ɔntena.


Na bɔne ho afɔdeɛ nantwinini ne bɔne ho afɔdeɛ papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpataeɛ no, wɔmfa wɔn mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔmfa ogya nhye wɔn nwoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan.


Na ɔmfa nantwinini no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na ɔnhye no sɛdeɛ wɔhyee kane nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔdeɛ ne no.


Na ɔsɔfoɔ no aduane afɔdeɛ nyinaa wɔnhye no mu; wɔnnni bi.


Na bɔne ho afɔdeɛ a wɔde ne mogya no bi ba ahyiaeɛ ntomadan mu bɛpata wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa, wɔnnni, wɔmfa ogya nhye.


sɛ ɛba sɛ ɔyɛ bɔne na ɔdi so saa a, ɔmfa adeɛ a ɔfaeɛ anaa adeɛ a ɔdii mu amim, anaa adeɛ a wɔde maa no asie anaa adeɛ a ɛyeraeɛ a ɔhunuiɛ,


Na nantwinini no ara ne ne nwoma ne ne nam ne n’agyanan no, ɔde ogya hyee, nsraban no akyi, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na ɛnam no ne nwoma no deɛ, ɔde ogya hyee no nsraban no akyi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kum na wɔnkum ɔbarima no, asafo no nyinaa nsi no aboɔ wɔ nsraban no akyi.


na momfa no mma Ɔsɔfoɔ Eleasa, na ɔmfa no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔnku no n’anim.


Na wɔnhye nantwibereɛ no wɔ n’anim, ne nwoma ne ne nam ne ne mogya ne ne sɛbeɛ no.


Ɔbarima ne ɔbaa na montu no, nsraban no akyi na montu wɔn nkorɔ, na wɔangu mo nsraban a mete mu wɔ mo mu no ho fi.


Na mmoa a bɔne nti ɔsɔfo panin de wɔn mogya kɔ kronkron mu no, wɔhye wɔn afunu nsra no akyiri.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan