Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 3:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔnyi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔdeɛ mma AWURADE; ne sradeɛ ne ne sradeɛ duapuo a ɔntwa no padua so pa ara ne sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ soɔ ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔnyi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔdeɛ mma AWURADE; ne sradeɛ ne ne sradeɛ duapuo a ɔntwa no padua so pa ara ne sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ soɔ ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Saa asomdwoe afɔrebɔde yi fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyew afɔrebɔde a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho srade, srade a ɛwɔ nʼayamde ho no nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Saa asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ yi, fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho sradeɛ, sradeɛ a ɛwɔ ne yam adeɛ nyinaa ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na onyi asomdwoe afɔre no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔre mma AWURADE: ne srade ne ne sradedua mu a ontwa no pidua so pa ara ne srade a ɛkata ayamde no so ne ayamde no ho srade nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 3:9
15 Iomraidhean Croise  

Na wɔde AWURADE adaka no bae de bɛsii ne siberɛ, ntomadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.


Na Salomo nyanee, na hwɛ, ɛyɛ daeɛ. Na ɔbaa Yerusalem, na ɔbɛgyinaa AWURADE apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔtoo ne nkoa nyinaa pono.


Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie.


Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abannwa no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no sua dodo sɛ wɔbɛhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ so.


Na wɔde Nyankopɔn adaka no baa mu, de bɛsii ntomadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ Nyankopɔn anim.


Na afei fa odwennini no sradeɛ ne ne sradeɛ dua no ne sradeɛ a ɛkata n’ayamdeɛ ho ne deɛ ɛsensɛne ne mmerɛboɔ ho ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa no, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwennini,


Me ba, fa w’akoma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.


Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no; na ɔbɔɔ no yadeɛ. Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a, ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam.


na ama Israelfoɔ de wɔn afɔdeɛ a wɔkum wɔ ɛserɛ soɔ no abrɛ asɔfoɔ no ama wɔde abrɛ AWURADE wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ.


Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa mmra: Ne sradedua, ne sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ ho no,


Na ɔfaa sradeɛ no ne sradedua no ne sradeɛ a ɛwɔ ayamdeɛ no ho nyinaa ne mmerɛboɔ so ntentan no ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne srɛ nifa no,


Na nantwinini ne odwennini no sradeɛ no, sradedua no ne deɛ ɛkata sawa ho no ne mmerɛboɔ so ntentan no,


na asomdwoeɛ afɔdeɛ anantwie no nyinaa yɛ anantwinini aduonu nnan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nnwanten mma a wɔadi afe afe aduosia. Yei ne afɔrebukyia no sra akyiri adwiradeɛ.


Na di m’anim siane kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresiane maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Tena hɔ twɛn nnanson kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo deɛ yɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan