Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 3:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔsɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ogya afɔreduane a ɛyi hwa hwanhwam; sradeɛ no nyinaa yɛ AWURADE dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔsɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so: Ɛyɛ ogya afɔreduane a ɛyi hwa hwanhwam; sradeɛ no nyinaa yɛ AWURADE dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔsɔfo no bɛhyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyew afɔre no. Kae sɛ srade no nyinaa yɛ Awurade dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔsɔfoɔ no bɛhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Kae sɛ sradeɛ no nyinaa yɛ Awurade dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, ɛyɛ ogya afɔreduan a eyi hua huamhuam; srade no nyinaa yɛ AWURADE dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 3:16
19 Iomraidhean Croise  

Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’afɔrebɔdeɛ no,


Nanso ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ ne ahwiesa a ɛka ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho dɔɔso bebree. Sɛ wɔsiesiee AWURADE fie som no nie.


Na Salomo yɛɛ abannwa a ɛwɔ AWURADE dan no anim no kronkron, na ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔhyee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Salomo yɛeɛ no, na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne sradeɛ nam no nsene so.


Na yi sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no ho nyinaa ne deɛ ɛsensɛne mmerɛboɔ no ho no, ne sawa mmienu no ne ɛso sradeɛ no, na hye no wɔ afɔrebukyia no so.


Na afei fa odwennini no sradeɛ ne ne sradeɛ dua no ne sradeɛ a ɛkata n’ayamdeɛ ho ne deɛ ɛsensɛne ne mmerɛboɔ ho ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa no, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwennini,


Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no; na ɔbɔɔ no yadeɛ. Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a, ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam.


Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,


Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no mpete AWURADE afɔrebukyia no so, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔnhye sradeɛ no na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.


Na ɔnhye ne sradeɛ nyinaa wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔfaa sradeɛ no ne sradedua no ne sradeɛ a ɛwɔ ayamdeɛ no ho nyinaa ne mmerɛboɔ so ntentan no ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne srɛ nifa no,


Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne sradeɛ no. Na ɔman no nyinaa hunui, na wɔde anigyeɛ huroe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Na ɔsee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan