Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na sɛ obi ayɛyɛdeɛ yɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na anantwie no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na sɛ obi ayɛyɛdeɛ yɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na anantwie no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a, otumi de nantwinini anaa nantwibere bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea ne ho nni dɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, ɔtumi de nantwinini anaa nantwibereɛ bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ ne ho nni dɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na sɛ obi ayɛyɛde yɛ asomdwoe afɔre, na anantwi no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 3:1
29 Iomraidhean Croise  

Na Dawid sii hɔ afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya firii soro gyee no so ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.


Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn.


Na ɔsomaa Israelfoɔ no mu mmeranteɛ, na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.


na ɛnyɛ Aaron ne ne mma dea, daa atorɔmudeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ mmasoɔ afɔdeɛ. Ɛnyɛ mmasoɔ afɔdeɛ a Israelfoɔ de firi wɔn asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu bɔ, wɔn mmasoɔ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.


Asomdwoeɛ afɔrebɔ da me so, ɛnnɛ na mama m’aboadeɛ;


Na wɔwie nna no a, da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, asɔfoɔ no mmɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no so, na m’ani bɛsɔ mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


na odwan baako a ɔfiri nnwankuo mu, nnwan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔ no mu, na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra.


Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.


na ama Israelfoɔ de wɔn afɔdeɛ a wɔkum wɔ ɛserɛ soɔ no abrɛ asɔfoɔ no ama wɔde abrɛ AWURADE wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no yɛ nnwan no bi a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa mmra.


Ɛnna ɔkumm nantwinini ne odwennini a ɛyɛ ɔman no asomdwoeɛ afɔdeɛ no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔhwie petee afɔrebukyia no so hyiae.


ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ AWURADE anim ne aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo, ɛfiri sɛ ɛnnɛ na AWURADE bɛyi ne ho akyerɛ mo.


Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ.


Nnome nka deɛ ɔsisie, ɔde onini a ɔwɔ ne nnwankuo mu hyɛ bɔ, nanso ɔde deɛ watɔ ape bɔ AWURADE afɔdeɛ no; ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ ne me, asafo AWURADE na ɔseɛ, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.


Na sɛ mode aboa anifirani bi ba bɛbɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ bɔne anaa? Na sɛ mode apakye anaa ɔyarefoɔ bi ba a, ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado; na hwɛ sɛ n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim anaa? Asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na sɛ nantwie ba na wode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ de ayɛ w’aboadeɛ, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a,


na ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE; odwanten ba a wadi afe a ɔdi mu baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne odwammereɛ baako a wadi afe a ɔdi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini baako a ɔdi mu mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ;


ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Aminadab ba Nahason ayɛyɛdeɛ.


ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Pedahsur ba Gamaliel ayɛyɛdeɛ.


Na fa nam ne mogya no bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na wɔnhwie w’afɔdeɛ no mogya ngu n’afɔrebukyia no so, na nam no deɛ, di.


na ɔnam ne so apata Onyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɛne sɛ, ɔnam n’asɛnnua ho mogya so ayɛ asomdwoeɛ nam ɔno ara so apata nnoɔma nyinaa, asase so deɛ oo, ɔsoro deɛ oo, ne Onyankopɔn ntam.


momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua.


deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ.


Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ Betel, na wɔsui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kɔsii anwummerɛ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.


Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman no tuaa nhema sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan