Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 26:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na mɛdane m’anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na mɛdane m’anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔ, na madi apam a me ne mo pamee no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔre, na madi apam a me ne mo pameeɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na mɛdan m'anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 26:9
31 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.


Na Ismael ho deɛ, matie wo. Hwɛ, mɛhyira no, na mama no awo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitire dummienu na ɔbɛwoɔ, na mayɛ no ɔman kɛseɛ.


Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.


Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,


Na w’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na woatrɛ akɔ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi fam ne anafoɔ fam. Na wo ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira wiase mmusuakuo nyinaa.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;


ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mɛma woadɔ, na mama woadɔɔso, mɛyɛ wo aman asafo, na mede asase yi bɛma w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no sɛ daa agyapadeɛ.


Na me ne wo bɛyɛ apam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom.


Na w’akoa wɔ wo man a woayi wɔn, ɔman kɛseɛ a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan wɔn mmu wɔn ano no mu.


Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ wɔn n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pameeɛ no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wanto wɔn antwene amfiri n’anim de bɛsi seesei.


Na meyii wɔn ano sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma no asi yɛn yie, na yɛn ne nkoa bɛsɔre asi, na mo deɛ, monni kyɛfa ne tumi ne nkaeɛ biara wɔ Yerusalem.


Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba abɛdi soɔ no so.


Na ɔhyiraa wɔn maa wɔn ase kyenee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhwan.


Me ne deɛ mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid:


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, ɔhunuu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.


Nanso mama m’apam a me ne wɔn pameeɛ no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔhoɔ no bɛma wɔn.


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.


Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.


Na mɛsisi wɔn so ahwɛfoɔ na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn akoma rentu, na wɔn mu bi renyera, AWURADE asɛm nie.


Frɛ me, na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nnoɔma a ahunta a wonhunuiɛ.


Na me na mɛma me ne wo apam no agyina, na woahunu sɛ, me ne AWURADE,


Na hwɛ, meredi mama mo, na madane aba mo nkyɛn, na wɔbɛdɔ mo, na wɔadua mo so aduane.


na sɛ mopa m’ahyɛdeɛ, na m’atemmuo yɛ mo kra nwunu, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mobu m’apam so a,


sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no:


Na AWURADE bɛma nnepa abu wo so wɔ wo yafunu mu aba mu ne w’afieboa aba mu ne w’asase so aba mu, asase a AWURADE kaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so.


Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwie mma ne wo nnwan mma.


na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔre, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom sɛ ɔde bɛma woɔ no so.


ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn mefirii Misraim asase soɔ no; ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwene wɔn ho, Awurade na ɔseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan