Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 26:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na mɛma ɔmannwoeɛ aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afiri asase no so, na nkrantɛ remfa mo asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na mɛma ɔmannwoeɛ aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afiri asase no so, na nkrantɛ remfa mo asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “ ‘Mɛma mo asomdwoe, na mɛma mo ada a munnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afi mo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “ ‘Ɛfiri sɛ, mɛma mo asomdwoeɛ, na mɛma mo ada a monnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afiri mo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na mɛma ɔmannwoe aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afi asase no so, na nkrante remfa mo asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 26:6
43 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔdanee ne ho, na ɔhunuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisirebereɛ mmienu firi kwaeɛ no mu ba bɛtetee wɔn mu mmɔfra aduanan mmienu.


Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoeɛ nipa, na mɛma ne ho adwo no afiri n’atamfo nyinaa a wɔatwa ne ho ahyia. Na Salomo (a aseɛ ne: Asomdwoeɛni) na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoeɛ ne kommyɛ nso na mede bɛba Israel so ne berɛ soɔ.


Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae.


Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu, na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ adom.


Ɛfiri sɛ wo ne wiram aboɔ mpo bɛyɛ apam, na wiram mmoadoma bɛdwo ama wo.


Na yɛn anantwie ho atua wɔn ho a ɔsɛeɛ ne ɔyera mma wɔn mu, na abooboo amma yɛn mmɔntene so.


Ɔma w’ahyeɛ so dwo, ɔde ayuo pa ma wodi mee.


AWURADE bɛma ne man ahoɔden, AWURADE de asomdwoeɛ bɛhyira ne man.


Mekɔdae na medae; manyane, na AWURADE kura me mu.


Asomdwoeɛ mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko, na wo, AWURADE, nko ara na woma metena hɔ dwoodwoo.


Mɛtie deɛ Onyankopɔn AWURADE bɛka. Ampa, ɔka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefoɔ, na mma wɔnnsane nnkɔ nkwaseadeɛ mu.


Merempamo wɔn w’anim afe koro, na asase no annane amamfo, na wiram mmoadoma ammɛdɔɔso antia wo;


Sɛ wokɔda a, woremmɔ binim, na woda a, wo nna bɛyɛ dɛ.


Wonam a, ma no nkɔgya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wonyane a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ.


Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron; deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn; nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.


Gyata biara remma hɔ, na aboa adufudepɛfoɔ biara rensi so; wɔrenhunu bi wɔ hɔ, wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa soɔ.


Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoeɛ, na mede amaneɛ ba. Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie, na mma w’akoma nntu, O Israel, na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obiara renyi no hu.


Yei so na menyaneeɛ, na mehwɛe, na me nna no tee me dɛ mu.


Sɛ mema mmoa bɔne kyini asase no so, na wɔdwerɛ ɛsofoɔ, na ɛdane afo a mmoa no nti obiara ntwam mfa so a,


Anaasɛ mede nkrantɛ meba asase no so, na mese: Nkrantɛ, fa asase no so, na metwa nnipa ne mmoa firi so a,


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na nkantom sɛ mɛma m’atemmudeɛ bɔne nnan, nkrantɛ ne ɛkɔm ne mmoa bɔne ne owuyadeɛ, aba Yerusalem so de atwa nnipa ne mmoa afiri so!


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu.


Na petee mu nnua bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mabubu wɔn kɔnnua na mayi wɔn afiri wɔn a wɔdi wɔn nya nsam.


Na mɛma ɛkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasugya, na owuyadeɛ ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so; me, AWURADE, na maka.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


na mɛgye wo aware mafa, gyidie so, na woahunu AWURADE.


Na monyɛ m’ahyɛdeɛ na monni m’atemmudeɛ so nyɛ, na montena asase no so dwoodwoo.


Na asase no bɛba n’aduane na moadi amee, na moatena so dwoodwoo.


Na mɛsoma wiram mmoa aba mo mu na wɔagye mo nsam mma, na wɔadi mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo.


Na mede aweretɔ nkrantɛ a ɛbɛtɔ m’apam no so were bɛba mo so, na moaboaboa mo ano akɔ mo nkuro mu, na mɛma yaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa.


Na mobɛka mo atamfoɔ agu, na wɔatotɔ mo anim wɔ nkrantɛ ano;


Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obiara biara renyi wɔn hu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE ankasa na waka.


Israel nkaeɛ no renyɛ akɔntɔnkyedeɛ, na wɔrenka atorosɛm, na wɔrenhunu nsisie tɛkyerɛma wɔn anomu, na wɔn deɛ, wɔbɛyɛne wɔn ho na wɔabutubutu hɔ, na obiara renyi wɔn hu.


So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.


Na mɛtwitwa nteaseɛnam afiri Efraim, ne apɔnkɔ nso afiri Yerusalem, na wɔatwa akodie tadua nso; na ɔbɛka ɔmannwoeɛsɛm akyerɛ amanaman, na n’ahennie bɛfiri ɛpo so akɔ ɛpo so, na afiri asuo ano akɔsi asase awieeɛ.


Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.


Anadwo no ara a Herode rebɛyi no akorɔ no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no, na awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ɛpono ano rewɛn afiase no anibereɛ so.


Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan