Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 26:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 na aduane poreɛ bɛkɔ so akɔduru bobe aba teteɛ mu, na bobe aba teteɛ no akɔ so akɔduru duaberɛ, na mobɛdi mo aduane amee, na moatena mo asase so dwoodwoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 na aduane poreɛ bɛkɔ so akɔduru bobe aba teteɛ mu, na bobe aba teteɛ no akɔ so akɔduru duaberɛ, na mobɛdi mo aduane amee, na moatena mo asase so dwoodwoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na sɛ edu odua bere so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mubedidi amee na moatena asase no so asomdwoe mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na sɛ ɛduru odua berɛ so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mobɛdidi amee na moatena asase no so asomdwoeɛ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 na aduan porow bɛkɔ so akodu bobe aba tetew mu, na bobe aba tetew no akɔ so akodu odua bere, na mubedi mo aduan amee, na moatena mo asase so dwoodwoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 26:5
26 Iomraidhean Croise  

Na yɛn asan ayɛ ma a wɔyi mu nnoɔma ahodoɔ nyinaa, na yɛn nnwan awo mpempem ayɛ mpem du du yɛn nsase so.


AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE.


Na deɛ ɔtie me no deɛ ɔbɛtena hɔ komm, na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.


Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.


Sɛ mopɛ na motie a, mobɛdi asase no so nnepa;


Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;


Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


na mɛgye wo aware mafa, gyidie so, na woahunu AWURADE.


Na AWURADE bua see ne man sɛ: Hwɛ, merebrɛ mo aduane, nsamono ne ngo, na moamee, na meremfa mo memma ahohora amanaman mu bio.


Ewiram mmoa, monnsuro, na ɛserɛ so wira mono refefɛ, na nnua reso n’aba, borɔdɔma ne bobe reyi n’ahoɔden ama.


Na moadidi amee, na moakamfo AWURADE mo Nyankopɔn din, sɛ ɔne mo adi anwanwasɛm; na me man ani renwu da biara da.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ deɛ ɔfɛntɛm bɛka deɛ ɔtwa, na deɛ ɔtiatia bobe aba soɔ bɛka deɛ ɔgu ayuo, na mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ nyinaa ahono.


Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam.


na mɛma wo serɛ so aba wira ama w’afieboa, na woadidi amee.


Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so,


a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan