Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 26:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na mede me tenabea bɛsi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na mede me tenabea bɛsi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na mɛtena mo mu, na merenkyi mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na mɛtena mo mu, na meremmu mo animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na mede me tenabea mesi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 26:11
27 Iomraidhean Croise  

Baabiara a me ne me man Israelfoɔ nyinaa anante akɔ no, me ne atemmufoɔ a mayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Israel so no bi akasa sɛ adɛn nti na moansi ntweneduro dan amma me anaa?


Na mɛtena Israelfoɔ mu, na merennya me man Israel.


Sie na masi ɛdan mayɛ no tenabea mama woɔ, baabi a wobɛtena hɔ daa.


Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!


Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa ne man, na ɔkyirii n’agyapadeɛ.


Ne sese si Salem, na ne tenabea wɔ Sion.


Onyankopɔn tee, na ne bo fui, na Israel ho yɛɛ no nwunu koraa.


Na ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me na mentena wɔn mu.


Na mɛtena Israelfoɔ no mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn,


na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ sɛ mɛtena wɔn mu no, mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn.


Wo din nti, mpa yɛn; ngu w’animuonyam adwa no anim ase; kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.


AWURADE ato n’afɔrebukyia atwene, wapa ne kronkronbea. Ɔde n’aban afɛfɛ afasuo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa; wɔyɛɛ gyegyeegye, AWURADE fie, sɛ afahyɛ da.


Na mobɛhunu sɛ me na mewɔ Israel mu, na mene AWURADE mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ bio, na me man ani renwu da biara da.


Na mommfa aman a merebɛtu wɔn mo anim ho ahyɛdeɛ so; na wɔayɛ yeinom nyinaa na wɔn ho ayɛ me nwunu;


na sɛ mopa m’ahyɛdeɛ, na m’atemmuo yɛ mo kra nwunu, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mobu m’apam so a,


Na asase no deɛ, wɔbɛgya na anya ne homeberɛ no mu ahotɔ, sɛ wɔnni soɔ nti ada hɔ tuu; na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ wɔpoo m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu nti, wɔbɛnya wɔn amumuyɛ ho asotwe, ɛfiri sɛ wɔpaa m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu.


Nanso yeinom nyinaa akyiri no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfoɔ asase so mpo a, merempa wɔn, na wɔn ho renyɛ me nwunu na masɛe wɔn korakora, na mabu me ne wɔn ntam apam no so: Na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na metwaa nnwanhwɛfoɔ no mu baasa twenee wɔ bosome baako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahomete, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwunu.


ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.


Na ne mmabanin ne ne mmammaa ho ahi nti AWURADE hunuiɛ no, ɔpoo wɔn,


Nanso sɛ mo sodie asase no ho agu fi a, ɛnneɛ montwa mmra AWURADE sodie asase a AWURADE tenabea si soɔ no so na mommɛfa asase nni so wɔ yɛn mu; na AWURADE anim atua na monnteɛ, na yɛn anim atua nso monnte, mo afɔrebukyia a mosi kaa AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no ho mu.


Na Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas ka kyerɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ no sɛ: Ɛnnɛ na yɛahunu sɛ AWURADE wɔ yɛn mu, sɛ moamfa fom yi amfom AWURADE. Afei moayi Israelfoɔ no AWURADE nsam.


Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse: Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.


Yei nti na wɔwɔ Nyankopɔn ahennwa anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no bɛkata wɔn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan