Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 24:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na fa sesɛ so akyerɛpɛn mmienu, nsia nyɛ kyerɛpɛn baako, ɛpono a ɛho teɛ no so, AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na fa sesɛ so akyerɛpɛn mmienu, nsia nyɛ kyerɛpɛn baako, ɛpono a ɛho teɛ no so, AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Monhyehyɛ no ntaataaso abien, a asia wɔ ntaataaso baako biara mu wɔ sikakɔkɔɔ kann pon no so wɔ Awurade anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Monhyehyɛ no akyerɛpɛn mmienu, a nsia biara wɔ kyerɛpɛn baako so wɔ sikakɔkɔɔ amapa ɛpono so wɔ Awurade anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na fa sensɛm so akyerɛpɛn abien, asia nyɛ kyerɛpɛn biako, sika amapa ɔpon a ɛho tew no so, AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 24:6
13 Iomraidhean Croise  

Na Salomo yɛɛ AWURADE fie nnoɔma no nyinaa, sika afɔrebukyia ne ɛpono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no sika,


Na wɔhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE daa anɔpa ne anwummerɛ ne ɔhyeɛ aduhwam no. Na wɔsiesie kyerɛ paanoo wɔ ɔpono kronkron no so, na sika kaneadua ne ne kanea no, wɔsɔ no daa anwummerɛ. Na yɛn deɛ, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no, na mo deɛ, moagya no.


Na Salomo yɛɛ Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa ne sika afɔrebukyia no ne apono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no


ama kyerɛ paanoo ne daa aduane afɔdeɛ ne daa hyeɛ afɔdeɛ, home nna deɛ, bosome foforɔ deɛ, ama afahyɛ ne akronkronneɛ ne bɔne ho afɔdeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma Israel ne yɛn Nyankopɔn fie adwuma nyinaa.


Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.


Na fa kyerɛ paanoo sisi ɛpono no so wɔ m’anim daa.


ɛpono no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kyerɛ paanoo no;


Afɔrebukyia no yɛ dua, ne korɔn yɛ basafa baako ne fa, na ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne ntweaso ne ne nnyinasoɔ ne n’afasuo yɛ dua. Na ɔka kyerɛ me sɛ: Yei ne ɛpono a ɛsi AWURADE anim.


Na monyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ, ne kwan so, ne kwan so.


Ɛfiri sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan