Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 22:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 ɔkra a ɔka no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ, na ɔnnni akronkronneɛ no bi gye sɛ ɔde nsuo adware ne ho ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɔkra a ɔka no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ, na ɔnnni akronkronneɛ no bi gye sɛ ɔde nsuo adware ne ho ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 saa ɔsɔfo no ho begu fi akosi anwummere. Ɔrenni afɔrebɔde a wɔatew ho no bi kosi anwummere a obeguare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 saa ɔsɔfoɔ no ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ. Ɔrenni afɔrebɔdeɛ a wɔate ho no bi kɔsi anwummerɛ a ɔbɛdware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɔkra a ɔka no ho ntew kosi anwummere na onnni akronkronne no bi gye sɛ ɔde nsu aguare ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 22:6
16 Iomraidhean Croise  

Na mmoa a wɔnam nan nnan soɔ nyinaa mu wɔn a wɔnam wɔn nsa ne wɔn nan mu no, wɔn ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn funu no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.


Na deɛ ɔsoa wɔn funu bi no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; wɔn ho nte mma mo.


Yeinom ne wɔn a wɔn ho nte mma mo, mmoa a wɔwea nyinaa mu; sɛ wɔwu a, obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.


Na adeɛ biara a wɔn mu bi awu atɔ soɔ no, ɛho nte: Dua adeɛ biara oo, atadeɛ oo, nwoma oo, awere oo, adeɛ biara a wɔde yɛ adwuma; wɔmfa nhyɛ nsuo mu, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ɛho ate.


Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ.


Na deɛ ɔdi ne funu no bie no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na deɛ ɔsoa ne funu no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.


Na deɛ ɔka ne mpa no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;


anaa obi a ɔka adeɛ biara a ɛwea a ɛmma ne ho nteɛ anaa ɔka onipa biara a ne ho wɔ fi no, ho nte;


Na sɛ owia kɔtɔ a, ne ho te, ɛno akyiri ansa na ɔnni akronkronneɛ no bie, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’aduane.


Na Hagai bisaa sɛ: Sɛ, efunu nti, deɛ ne ho akum kɔka yeinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Aane, ɛho akum.


na adeɛ biara a deɛ ne ho nteɛ no ka no ho nte, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ.


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan