Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 22:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Aaron asefoɔ mu barima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa deɛ ne ho sene no nnni akronkronneɛ no bi kɔsi sɛ ne ho bɛteɛ; na deɛ ɔka adeɛ a efunu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsuo afiri ne mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Aaron asefoɔ mu barima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa deɛ ne ho sene no nnni akronkronneɛ no bi kɔsi sɛ ne ho bɛteɛ; na deɛ ɔka adeɛ a efunu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsuo afiri ne mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Ɔsɔfo biara a ɔwɔ ɔhonam ani nsanyare biara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi, gye sɛ wɔasa no yare ama ne ho afi ansa. Ɔsɔfo biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosian nti ne ho begu fi no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Ɔsɔfoɔ biara a ɔwɔ honam ani nsane yadeɛ biara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ, wɔasa no yadeɛ ama ne ho afiri ansa. Ɔsɔfoɔ biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosene enti ne ho bɛgu fi no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Aaron asefo mu ɔbarima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa nea ne ho sen no nnni akronkronne no bi kosi sɛ ne ho bɛtew; na nea ɔka ade a funu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsu afi ne mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 22:4
18 Iomraidhean Croise  

Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ.


Na ntoma biara anaa nwoma biara a ahoba bɛgu mu no, wɔmfa nsuo nsi, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ.


Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no.


Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron mma asɔfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo mu biara nngu ne ho fi efunu bi ho ne man mu,


Ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu ade kronkron ɛne akronkronneɛ no deɛ, ɔnni bi.


Na Hagai bisaa sɛ: Sɛ, efunu nti, deɛ ne ho akum kɔka yeinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Aane, ɛho akum.


Akronkronneɛ mu mmasoɔ adeɛ a Israelfoɔ de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɛnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho no.


Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no.


Na onipa a ne ho nteɛ na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ɔman asafo no mu, ɛfiri sɛ wagu AWURADE kronkronbea no ho fi; wɔampete ahodwira nsuo no angu ne so, enti ne ho nte.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan