Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 22:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awoɔ ntoatoasoɔ mu barima biara a ɔfiri mo asefoɔ nyinaa mu a ɔba akronkronneɛ a Israelfoɔ ayɛ no kronkron ama AWURADE na ne fi wɔ ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri m’anim atwene: Mene AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awoɔ ntoatoasoɔ mu barima biara a ɔfiri mo asefoɔ nyinaa mu a ɔba akronkronneɛ a Israelfoɔ ayɛ no kronkron ama AWURADE na ne fi wɔ ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri m’anim atwene: Mene AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Efi nnɛ rekɔ, sɛ ɔsɔfo biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛde biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔre mma Awurade a, wɔbɛworɔw nʼatade. Mene Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, sɛ ɔsɔfoɔ biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛdeɛ biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ mma Awurade a, wɔbɛworɔ nʼatadeɛ. Mene Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awo ntoatoaso mu ɔbarima biara a ofi mo asefo nyinaa mu a ɔbɛn akronkronne a Israelfo ayɛ no kronkron ama AWURADE, na ne fi wɔ no so no, wobetwa saa ɔkra no afi m'anim akyene. Mene AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 22:3
10 Iomraidhean Croise  

Na mesee wɔn sɛ: Mo deɛ, moyɛ kronkron ma AWURADE, na nnoɔma yi yɛ akronkronneɛ, na dwetɛ ne sika yi yɛ ayamyi adeɛ ma AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no,


Wobɛkyerɛ me nkwa kwan, anika a ɛmeeɛ wɔ w’anim, anigyedeɛ wɔ wo nifa hɔ daa.


Nto me mfiri w’anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so.


Obiara a ɔbɛfra bie a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔhoɔ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ wɔnte wɔn ho mfiri Israelfoɔ akronkronneɛ ho, na wɔnnhura me din kronkron no ho, adeɛ a wɔyɛ no kronkron ma me no mu: Mene AWURADE.


Obiara a ɔka owufoɔ, onipa bi a wawuo funu, na wannwira ne ho no agu AWURADE tenabea ho fi, na wɔntwa saa ɔkra no mfiri Israel mu ntwene, ɛfiri sɛ ahodwira nsuo a wɔampete angu ne soɔ nti, ne ho nte, ne ho fi da so wɔ ne ho.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Wɔn na wɔbɛnya akatua a ɛyɛ daa ɔsɛeɛ, ne yi a wɔyi wɔn firi Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan