Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 21:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa firi aseɛ bɔ adwaman a, wahura n’agya ho, wɔmfa ogya nhye no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa firi aseɛ bɔ adwaman a, wahura n’agya ho, wɔmfa ogya nhye no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Ɔsɔfo babea biara a ɔbɛbɔ aguaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Ɔsɔfoɔ babaa biara a ɔbɛbɔ adwaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhye no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na sɛ ɔsɔfo babea fi ase bɔ aguaman a, wahura n'agya ho, wɔmfa ogya nhyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 21:9
16 Iomraidhean Croise  

Na ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W’ase Tamar abɔ adwaman ama no anyinsɛn. Na Yuda kaa sɛ: Monkɔfa no mmra na wɔnhye no.


Enti monni homeda no, na ɛyɛ kronkron ma mo; obiara a ɔbɛgu ho fi no, kum na wɔbɛku no; na obiara a ɔyɛ mu adwuma no, wɔbɛtwa saa kra no afiri ne man mu atwene.


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa ne mmɔfra ne mmaa, monkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyiraeɛ no deɛ, monnka no; na me kronkronbea hɔ na momfiri aseɛ. Ɛnna wɔfirii aseɛ, firi mpanimfoɔ a wɔwɔ efie no anim no soɔ.


Nhura wo babaa ho mma no mmmɔ adwaman, na asase no ammɔ adwaman, na mmusuo anyɛ asase no so ma.


Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusudeɛ. Wɔmfa ogya nhye ɔno ne wɔn nyinaa, na abusudeɛ antena mo mu.


Hwɛ, mɛtwi mo asefoɔ anim, na mabɔ sɛbeɛ mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbeɛ no, na wɔasesa mo aka ɛno ho akɔ;


ɛnneɛ wɔnyi ababaa no mmra n’agya fie aboboano, na ne kurom mmarima nsi no aboɔ mma no nwu, ɛfiri sɛ wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu sɛ wabɔ adwaman n’agya fie; na yi bɔne no firi wo mu.


Deɛ ne ho nni asɛm bie, ɔyerɛ baako kunu a ɔwɔ mma gyidifoɔ a wɔnte ahohwie anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.


Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.


Na Yosua kaa sɛ: Adɛn na woaha yɛn saa yi? AWURADE bɛha wo nnɛ da yi. Na Israel nyinaa sii no aboɔ, na wɔde ogya hyee wɔn, na wɔde aboɔ guu wɔn so.


Enti mmeranteɛ no bɔne yɛɛ kɛse, AWURADE anim, ɛfiri sɛ nnipa no buu AWURADE aduane afɔdeɛ no animtia.


Na yei nyɛ wo deɛ ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, soɔ no ho nsɛnkyerɛnneɛ: Da koro na wɔn baanu no bɛwuwuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan