Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 21:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔnnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bɔgyesɛ ano, na wɔmmmotabota wɔn honam mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Wɔnnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bɔdwesɛ ano, na wɔmmmotabota wɔn honam mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “ ‘Asɔfo no nni ho kwan sɛ wɔbɔ tikwaw, yi wɔn abogyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “ ‘Asɔfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbɔ’, yi wɔn abɔgyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Wonnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bogyesɛ ano, na wɔnnsesa wɔn honam mu nkamaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 21:5
12 Iomraidhean Croise  

wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon sorɔnsorɔmmea akɔsu, Moab retwa adwo, Nebo ne Medeba; wɔn nyinaa abobɔ tikwa, wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔgyesɛ;


Na ɛda no, asafo AWURADE Nyankopɔn frɛɛ nnipa baa esu ne adwotwa ne tikwabɔ ne ayitomafira mu.


Na nnipa akɛseɛ ne nkumaa bɛwuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayie, na obiara remmɔ ne hɔ akam, obiara remmɔ tikwa mma wɔn,


Na etire nyinaa so apepa, na bɔgyesɛ nyinaa akuku, nsa nyinaa ho ayɛ nkamaa, na ayitoma miamia asene.


Na wɔnnyiyi wɔn ti, nso wɔnnsi atimum, bubuo nko na wɔmmubu wɔn tiri soɔ.


Na wo onipa ba, fa nkrantɛ nnamnnam na fa yɛ oyifoɔ yiwan na fa yi w’atifi ne wo bɔgyesɛ, na fa nsania kari nwi no, na kyɛ mu.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi.


Ɔyɛ ne nkurɔfoɔ mu nipa titire nti, ɔnngu ne ho fi, nanso ɔnnhura ne ho.


Na madanedane mo nnapɔnna mu abooboo ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitoma akyekyere asene nyinaa, na atipa aba etire nyinaa so; na mama no ayɛ sɛ ɔba korɔ ho abooboodie, na n’awieeɛ ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.


Bɔ tikwa na wewɛre wo ho, w’anigyeɛ mma nti ma wo tikwa ntrɛ sɛ ɔpɛtɛ deɛ, ɛfiri sɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ.


AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, mommmotabota mo ho na monnyɛ ahyɛnsodeɛ wɔ mo moma so mmma owufoɔ biara;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan