Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 20:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 me deɛ, mɛma m’ani asa onipa no ne n’abusua, na mɛtwa ɔno ne wɔn a wɔdi n’akyire adwamammɔ kwan soɔ na wɔdi Molek akyire bɔ adwaman no nyinaa afiri wɔn man mu agu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 me deɛ, mɛma m’ani asa onipa no ne n’abusua, na mɛtwa ɔno ne wɔn a wɔdi n’akyire adwamammɔ kwan soɔ na wɔdi Molek akyire bɔ adwaman no nyinaa afiri wɔn man mu agu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 ɔbarima no ne ne fifo na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforo so no nyinaa afi wɔn nkurɔfo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 ɔbarima no ne ne fiefoɔ na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforɔ so no nyinaa asuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 me de, mɛma m'ani asa onipa no ne n'abusua, na metwa ɔno ne wɔn a wodi n'akyi aguamammɔ kwan so na wodi Molek akyi bɔ aguaman no nyinaa afi wɔn man mu agu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 20:5
13 Iomraidhean Croise  

Na wɔde wɔn nneyɛɛ maa wɔn ho yɛɛ nwunu, na wɔde wɔn nsɛnnie dan nnwamamfoɔ.


Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.


Na adwaman na wɔn na bɔeɛ, na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ; na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo, me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.


Na mɛma wɔn akoma korɔ ne ɔkwan korɔ, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyire no yie.


Ma w’ani so kyerɛ nkokoɔ pataa so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ ɛserɛ so Arabni, na wode w’adwamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi.


Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.


Na wɔnnkum wɔn afɔrebɔdeɛ mmma mpapo abosom a wɔdi wɔn akyiri adwamammɔ soɔ no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma wɔn, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


Na sɛ ɔde ne mma mu bi ma Molek na asase no sofoɔ no bu wɔn ani gu saa onipa no so na wɔanku no a,


Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔ so, na ɔde Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda maa wɔkɔɔ bɔne mu.


Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan