Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na sɛ wode aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ a wɔato no fononoo mu bi reba a, fa esiam apiti a wɔde ngo afɔre taterɛ ne apiti ɔfam a wɔagu so ngo bra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na sɛ wode aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ a wɔato no fononoo mu bi reba a, fa esiam apiti a wɔde ngo afɔre taterɛ ne apiti ɔfam a wɔagu so ngo bra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “ ‘Sɛ wɔde brodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔde a, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔkaw nni mu na ɛbɔ saa afɔre no. Mutumi de brodo ntrantraa dɛdɛ a mmɔkaw nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔre ma ɛyɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “ ‘Sɛ wɔde burodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔreka nni mu na ɛbɔ saa afɔdeɛ no. Motumi de burodo ntrawa dɛɛdɛ a mmɔreka nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔdeɛ ma ɛyɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na sɛ wode aduan afɔre ayɛyɛde a wɔato no fononoo mu reba a, fa asikresam apiti a wɔde ngo afɔtɔw tetare ne apiti fam a wɔagu so ngo bra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 2:4
21 Iomraidhean Croise  

Wɔahwie me agu sɛ nsuo, na me nnompe nyinaa ahwinhwan n’akwaa so. M’akoma ayɛ sɛ akraa, anane wɔ me yam.


Na wɔnni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwononwono nni.


Na Israelfoɔ frɛɛ aduane no “mana”; nso ɛte sɛ wisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu.


ne apiti paanoo ne taterɛ a wɔagu mu ngo, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo; ayuosiam na fa yɛ.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfoɔ no bɛnoa asodie ho afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no, na wɔatoto aduane afɔdeɛ no, na wɔamfa amfiri adi ankɔ abannwa a ɛwɔ ho no so ankɔte ɔman no ho.


Na ɔnku no afɔrebukyia no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔdeɛ mu aduane a ɛkaeɛ no, na monni no apiti, afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Wɔmmfa mmɔreka mmfra nnto. Wɔn kyɛfa a mede mama wɔn wɔ me gya afɔdeɛ mu ne no; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ.


Sɛ wɔyɛ no aseda afɔdeɛ de ba a, aseda afɔdeɛ a ɔde ba no nyɛ apiti taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔde ngo agu soɔ ne esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre akyeɛ.


ne apiti paanoo, esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo kɛntɛn, ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn.


Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.


Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


Enti monyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nsekuro nyinaa nto ngu,


Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhunu nnaadaa n’anomu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan