Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 2:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam nkae no ma Aaron ne ne mmabarima sɛ wɔn aduan; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔre kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam no nkaeɛ ma Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔn aduane; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na aduan afɔre no mu nea ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea. AWURADE gya mu akronkronne mu ade kronkron ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 2:3
17 Iomraidhean Croise  

Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ wɔn gyinabea.


Nnanson na pata afɔrebukyia no soɔ yɛ no kronkron, na afɔrebukyia no ayɛ akronkronneɛ mu kronkron; obiara a ɔka afɔrebukyia no nyɛ kronkron.


Aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, wɔn ara na wɔnnie, na Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wɔn deɛ.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfoɔ no bɛnoa asodie ho afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no, na wɔatoto aduane afɔdeɛ no, na wɔamfa amfiri adi ankɔ abannwa a ɛwɔ ho no so ankɔte ɔman no ho.


Mmasoɔ srɛ ne ohim yan no na wɔmfa nka sradeɛ a wɔhyeɛ no ho mmra, na wɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, na ɛnyɛ wo deɛ ne wo mma deɛ nyɛ daa kyɛfa, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.


na ɔnkum odwanten ba no deɛ wɔkum bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ, deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ asodie ho afɔdeɛ no nso yɛ asɔfoɔ no dea, te sɛ bɔne ho afɔdeɛ, ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no.


Ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu ade kronkron ɛne akronkronneɛ no deɛ, ɔnni bi.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.


Ɔsɔfoɔ a ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ no na ɔnnie; faako a ɛhɔ yɛ kronkron na wɔnni wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ.


Hyɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ho mmara: Ɔhyeɛ afɔdeɛ no ntena asomurofi, afɔrebukyia no so anadwo mu nyinaa nkɔsi anɔpa, na wɔmma afɔrebukyia no so gya no nnɛre wɔ so.


Sɛ bɔne ho afɔdeɛ teɛ no, sɛ asodie ho afɔdeɛ nso teɛ ne no, mmara korɔ na ɛda ho; ɔsɔfoɔ a ɔde pata no, ɛnyɛ ne dea.


Na aduane afɔdeɛ a wɔto no fononoo mu nyinaa ne deɛ wɔsiesie no kukuo mu ne ɛkyeɛ dadeɛ soɔ nyinaa, ɔsɔfoɔ a ɔde ba no na ɛnyɛ ne dea.


Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no.


na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan