Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 2:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔsɔfoɔ no nhye aburoo mfuamfua a wɔapɔn ho no bi ne ngo no bi ne ohwamfufuo no nyinaa sɛ nkaeɛ adeɛ; ɛyɛ ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔsɔfoɔ no nhye aburoo mfuamfua a wɔapɔn ho no bi ne ngo no bi ne ohwamfufuo no nyinaa sɛ nkaeɛ adeɛ; ɛyɛ ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na ɔsɔfo no bɛhyew aburow a wɔayam ne ngo no nkae de aduhuam afra sɛ aduan afɔrebɔde a wɔde aba Awurade anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na asɔfoɔ no bɛhye aburoo no bi a wɔde ngo ne aduhwam afra no sɛ nkaedeɛ wɔ Awurade anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔsɔfo no nhyew aburow mfuamfua a wɔapa ho no bi ne ngo no bi ne ohuamfufu no nyinaa sɛ nkae ade: ɛyɛ ogya afɔre a wɔbɔ ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 2:16
12 Iomraidhean Croise  

Ma me mpaebɔ mmɛsi w’anim sɛ ohwam, me nsa soma sɛ anwummerɛ ayɛyɛdeɛ.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Na ɔnhohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho wɔ nsuo mu; na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Momfa nnoɔma yi mmrɛ AWURADE sɛ aba a ɛdi kan mu afɔrebɔdeɛ, nanso wɔmmfa bi mmma afɔrebukyia no so sɛ ɛmmɛyi hwa hwanhwam.


Na sɛ wode aba a ɛdi kan ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, fa aburoo mmɛtem a wɔato no ogya mu atutu apɔn ho yɛ w’aba a ɛdi kan mu ayɛyɛdeɛ;


na fa ngo gu so, na fa ohwamfufuo to so; aduane afɔdeɛ ne no.


Na ɔsɔfoɔ no nyi ayɛyɛdeɛ no so nkaeɛ adeɛ no, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so; ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne no.


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan