Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nea ɛbɛka no yɛ asɔfo no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyew afɔre kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Deɛ ɛbɛka no yɛ asɔfoɔ no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na aduan afɔre no nkae nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronne mu adekronkron a efi AWURADE gya afɔre mu ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 2:10
15 Iomraidhean Croise  

Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apueeɛ pono no na na ɔhwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ayɛyɛdeɛ no soɔ, sɛ ɔde AWURADE mmasoɔ adeɛ ne akronkronneɛ mu adekronkron no bɛma.


Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ wɔn gyinabea.


Aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, wɔn ara na wɔnnie, na Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wɔn deɛ.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfoɔ no bɛnoa asodie ho afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no, na wɔatoto aduane afɔdeɛ no, na wɔamfa amfiri adi ankɔ abannwa a ɛwɔ ho no so ankɔte ɔman no ho.


Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔdeɛ mu aduane a ɛkaeɛ no, na monni no apiti, afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


na ɔnkum odwanten ba no deɛ wɔkum bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ, deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ asodie ho afɔdeɛ no nso yɛ asɔfoɔ no dea, te sɛ bɔne ho afɔdeɛ, ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.


Ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu ade kronkron ɛne akronkronneɛ no deɛ, ɔnni bi.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.


Na nkaeɛ no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wɔnni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ na wɔnnie.


Na ɔsɔfoɔ no aduane afɔdeɛ nyinaa wɔnhye no mu; wɔnnni bi.


Hyɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ho mmara: Ɔhyeɛ afɔdeɛ no ntena asomurofi, afɔrebukyia no so anadwo mu nyinaa nkɔsi anɔpa, na wɔmma afɔrebukyia no so gya no nnɛre wɔ so.


Sɛ bɔne ho afɔdeɛ teɛ no, sɛ asodie ho afɔdeɛ nso teɛ ne no, mmara korɔ na ɛda ho; ɔsɔfoɔ a ɔde pata no, ɛnyɛ ne dea.


Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no.


na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan