Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 19:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Monnnane mo ho nnkɔ abosonhuhuo no nkyɛn, na monnyɛ ahoni a wɔaguo te sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Monnnane mo ho nnkɔ abosonhuhuo no nkyɛn, na monnyɛ ahoni a wɔaguo te sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “ ‘Monnsom ohoni, anaa monnyɛ nnade anyame bi mma mo ho. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “ ‘Monnsom ahoni, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Monnan mo ho nnnkɔ abosonhuhuw no nkyɛn, na monnnyɛ ahoni a wɔagu sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 19:4
19 Iomraidhean Croise  

na woayɛ bɔne asene wɔn a wɔdii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforɔ ne ahoni a wɔaguo sɛ wode rehuru me bo, na woato me atwene w’akyire nti,


Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo, na AWURADE deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.


Na ɔnantee Israel ahemfo akwan so, na ɔyɛɛ guo ahoni nso maa Baalim.


na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo, na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro.


Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.


Na ɔgyee wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛeɛ yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwie a wɔaguo; na wɔkaa sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.


Nyɛ anyame a wɔaguo mfa.


Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.


na afe a ɛtɔ so nnum no, monni n’aba, na ne nnɔbaeɛ nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma AWURADE a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛma moasɔ ani:


Monnyɛ anyamehuhuo mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔboɔ a wɔadi ho adwini nnsi mo asase so nnkoto nnsɔre wɔ ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Afei monhwɛ mfiri ɛnnɛ da yi de rekorɔ, momfiri bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan a ɛne da a wɔhyɛɛ AWURADE asɔrefie no aseɛ no nhwɛ.


Enti, m’adɔfo, monnwane mfiri abosonsom ho,


Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam. Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen!


Na moanni asɛmmɔne ankɔyɛ ohoni a wɔasene amfa, adeɛ biara tebea, ɔbarima anaa ɔbaa nsɛsoɔ,


Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye; mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo fidie, ɛfiri sɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.


Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfiri ahonisom ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan