Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 17:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiae Ntamadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔde wɔ Awurade Ahyiae Ntamadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ne manfo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo firi ne manfoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na ɔmfa mma ahyiae ntamadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛde mma AWURADE wɔ AWURADE tenabea anim no, wobebu mogya agu no so, waka mogya agu, na wobetwa saa onipa no afi ne man mu akyene,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 17:4
30 Iomraidhean Croise  

Na ɔbarima momonoto biara a wɔntwaa no twetia no, saa onipa no wɔbɛtwa no afiri ne man mu, ɛfiri sɛ wato m’apam.


Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumuyɛ ngu ne soɔ, na nnaadaa nni ne honhom mu.


Nnanson na monni apiti. Da a ɛdi kan no ara na monyi mmɔreka nyinaa mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi mmɔreka paanoo firi da a ɛdi kan no de akɔsi da a ɛtɔ so nson no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel mu.


Nnanson na mommma wɔnnhunu mmɔreka wɔ mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi paanoo a emu aka no, ɔhɔhoɔ oo, deɛ wɔwoo no asase no soɔ oo, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel asafo mu.


Obiara a ɔbɛfra bie a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔhoɔ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Obiara a ɔbɛyɛ bie a ɛte sɛ ɛno ahua ahwɛ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


Na bepɔ kronkron, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛhɔ na Israel fie nyinaa, wɔn dodoɔ a ɛwɔ asase no soɔ nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mɛbisa mo mmasoɔ adeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ mu adikanneɛ, mo akronkronneɛ nyinaa mu.


Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.


Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.


Na ɔhonam nyinaa deɛ, ne mogya ne ne nkwa, enti na mese Israelfoɔ sɛ: Monnni nam biara mogya, ɛfiri sɛ honam nyinaa nkwa ne ne mogya; obiara a ɔdie no, wɔbɛtwa no atwene.


Obiara a ɔwɔ Israel fie a ɔkum nantwie anaa odwanten anaa abirekyie nsraban no mu anaasɛ ɔku no nsraban no akyire,


na ama Israelfoɔ de wɔn afɔdeɛ a wɔkum wɔ ɛserɛ soɔ no abrɛ asɔfoɔ no ama wɔde abrɛ AWURADE wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ.


na wamfa amma ahyiaeɛ ntomadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara no, wɔbɛtwa wɔn a wɔyɛ no afiri wɔn man mu atwene.


Na ɔbaa a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbaa no ne aboa no; kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.


Na ɔbarima a ɔne ɔbaa a wabu ne nsa da na ɔyi n’adagya soɔ na ɔbue n’abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura soɔ no, wɔntwitwa wɔn baanu nyinaa mfiri wɔn man mu ngu.


Na me nso mɛma m’ani asa onipa no, na matwa no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ, ɔde ne mma mu bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.


Na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no, asɔfoɔ no, mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na sɛ obi di n’asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛrensɔ ani, na wɔremmu mma deɛ ɔde baeɛ no, ɛyɛ akyiwadeɛ, na ɔkra a ɔbɛdi bie no bɛsoa ne mmusuo.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no.


Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Sɛdeɛ Dawid nso ka sɛ, nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu tenenee ma no no dea,


Na bɔne wɔ wiase ansa na mmara no reba, nso mmara nni hɔ a, wɔmfa bɔne mmu nkonta.


Na mmara no deɛ, ɛbaa sɛ mfomsoɔ no nnɔɔso, na deɛ bɔne adɔɔso no, adom aboro so akyɛne no.


AWURADE fa kyɛ wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a ɛdi bem ho afobuo ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi kyɛ wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan