Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 16:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na yei ne deɛ Aaron mfa nhyɛne kronkronbea hɔ: Nantwininiburuwa a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na yei ne deɛ Aaron mfa nhyɛne kronkronbea hɔ: Nantwininiburuwa a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyew afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na eyi ne nea Aaron mfa nhyɛn kronkronbea hɔ, nantwininiforo a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 16:3
13 Iomraidhean Croise  

Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra.


Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.


Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa nantwie ba onini a ɔdi mu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Na ɔmaa wɔde bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu bɔne afɔdeɛ nantwinini no atifi.


Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi.


na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwie ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, wɔnni mu, na fa bra AWURADE anim.


Na Israelfoɔ no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne nantwie ba ne odwanten ba a wɔadi afe afe a wɔdi mu mmɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,


nso ɛnyɛ mmirekyie ne anantwie mma mogya, na mmom ɔno ara ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea hɔ prɛko kɔnyaa daa ɔgyeɛ.


Na deɛ ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a ɔno ara, ne ɔman no mfomsoɔ nti ɔde kɔma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan