Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 14:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho teɛ mmienu animono ne tweneduro dua ne koogyan ne adwera mma deɛ wɔrebɛte ne ho no mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho teɛ mmienu animono ne tweneduro dua ne koogyan ne adwera mma deɛ wɔrebɛte ne ho no mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 obebisa nnomaa abien bi a wɔwe, na afei wɔde sida dua, koogyan hama ne adwerɛ mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛde ama ɔkwatani no abrɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 ɔbɛbisa nnomaa mmienu bi a wɔwe, na afei wɔde ntweneduro, koogyan ahoma ne hisope mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛdeɛ ama ɔkwatani no abrɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 ɔsɔfo no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho tew abien animono ne kyeneduru dua ne adidi ne adwerɛ mma nea wɔbɛtew ne ho no mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 14:4
11 Iomraidhean Croise  

Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.


Na momfa adwera esia mmɔ mogya a ɛwɔ yaawa mu no mu, na momfa yaawa no mu mogya no bi nsra aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho, na mo mu biara mmfiri adi mmfiri ne fie pono ano kɔsi anɔpa.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n’ayɛyɛdeɛ mmra.


Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.


Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔnkum nnomaa no mu baako, ayowa bi mu, mmasuo so.


Na anomaa nikanfoɔ no deɛ, ɔmfa no ne tweneduro dua no ne koogyan ne adwera no, na ɔmfa ne nyinaa ne anomaa nikanfoɔ no mmɔ anomaa a wɔaku no mmasuo soɔ no mogya mu,


Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


na ɔbarima a ne ho teɛ bi mfa adwera mmɔ nsuo no mu, na ɔmpete ngu ntomadan no ne emu nnoɔma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ no ne deɛ waka dompe anaa ɔtɔfoɔ anaa efunu anaa ɛda bi no so.


Na ɔsɔfoɔ no mfa tweneduro ne adwera ne kuntu kɔkɔɔ ngu nantwibereɛ a ɔrehyeɛ no so.


Na Mose kaa ahyɛdeɛ biara kyerɛɛ ɔman mu no nyinaa, sɛdeɛ mmara no teɛ wieeɛ no, ɔfaa anantwie mma ne mmirekyie mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma no ara ne ɔman no nyinaa so


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan